Jump to content

Adeyɔ Kasasin

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Adeyɔ kasasin yɛ kasasin a ne ti asɛm yɛ adeyɔ na ɛtumi yɛ asɛmfua baako, mmienu anaa deɛ ɛboro saa na ɛnyɛ berɛ nyinaa na Adeyɔ asɛm no nko ara nam yɛ adeyɔ kasasin. Yei te saa ɛfiri sɛ ɛtɔ da a adeyɔ asɛm ne ne boafoɔ na ɛyɛ adeyɔ kasasin na saa mmerɛ no nso adeyɔ asɛm no na ɛyɛ kasasin no ti. Ɛtɔ da a, ɛnhia sɛ adeyɔ bi wɔ boafoɔ ansa na adi mu sɛ Adeyɔ kasasin na ɛnyɛ berɛ biara na Adeyɔ no yɛ biribi a obi reyɛ na mmom ɛtɔ da a ɛkyerɛ obi tebea a ɔwɔ mu.[1]

Adeyɔ kasasin nhyehyeeɛ no gu ahodoɔ mmienu a ɛyɛ adeyɔ kasasin tenten ne tiawa, wɔtoa so sɛ tiawa no yɛ adeyɔ kasasin a ɛkura nsɛmfua baako anaa mmienu na ɛkura adeyɔ a ɛyɛ etire asɛm baako na ɛwɔ mu. Adeyɔ kasasin tenten yɛ kasasin a ɛkura adeyɔ nsɛm mmienu anaa deɛ ɛboro saa na ɛmu baako pɛ na ɛyɛ ɛtire asɛm na wɔde aboafoɔ no bata Adeyɔ a ɛyɛ etire no ho ma ne nteaseɛ wie pɛyɛ.[2]

Nhwɛsoɔ

[sesa]

i.   Apɔnkye no redidi

ii.  Kofi kɔ nsuo

iii. Maame no aba ha

iv.  Ama redi fufuo. [3]

v.   Ka aduane no hwɛ.

vi.  Gye Onyame di. [2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Akrofi, C.A.I (2011). Twi Kasa mmara: A Twi grammar. Accra; Waterville Publishing House. 15(2), 206-235.
  2. 1 2 Agyekum, K. (2010). Akan Kasa Nhyehyeeɛ. Accra ; Dwumfour Publications
  3. Akuamah, A.K.W. (2017), Twi Fɔnɔlɔgyi ne kasa Nhyehyeeɛ. Akuamah Series Gh, Kumasi, Asafo