Adeyɔ Kabea
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sɛ yɛka adeyɔ kabea a, na yɛrekyerɛ berɛ a obi de di dwuma.[1][2][3]
Adeyɔ Kabea Ahodoɔ
[sesa]Twam Kabea
[sesa]Yei kyerɛ biribi a wɔyɛɛ no berɛ bi a atwam. Ɛkwan baako a yɛtumi hunu sɛ adeyɛ bi wɔ twam kabea mu ne sɛ, sɛ adeyɛ asɛm no wɔ ɔyɛfoɔ a, ɛnne nnyegyeeɛ a ɛtwa adeyɛ asɛm no to no, yɛtwe mu.[4] Nhwɛsoɔ;
- Ama kɔɔ sukuu.
- Kwame bɔɔ abɔfra no.
- Abam yii sekan no.
Afei hyɛ no nso sɛ, sɛ adeyɛ asɛm no nni ɔyɛtia a yɛde /iɛ/ anaa /eɛ/ na ɛsi adeyɛ asɛm no akyi. Nhwɛsoɔ;
- Ama kɔeɛ
- Abam yiiɛ
- Kofi faeɛ.
Daakye Kabea
[sesa]Saa kabea yi kyerɛ biribi a obi abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. Yei wɔ nkyekyɛmu mmienu;
Deɛ ɛdi kan no, yɛtaa de nsianim "bɛ" na ɛsi adeyɛ asɛm no anim. Yei kyerɛ deɛ obi abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no berɛ bi, nanso ɛbɛtumi aba sɛ, bere a ɔpɛ sɛ ɔdi saa dwuma no wɔ akyire.[5]Nhwɛsoɔ;
- Kwaku bɛkɔ
- Ama bɛdɔ.
Deɛ ɛtɔ so mmienu no kyerɛ biribi a obi bɛyɛ no bere bi na bere a ɔbɛyɛ no nni akyiri. Mpɛn pii no nsianimu no yɛ /rebɛ/. Nhwɛsoɔ;
- Kofi rebɛda.
- Ama rebɛfa.
- Abam rebɛnom.
Mprenpren Kabea
[sesa]Ɛkyerɛ biribi a yɛyɛ no daa nanso ɛnsiiɛ anaa sɛ ɛnya mmaa awieeɛ. [6]Mpɛn pii no adeyɛ asɛm no nni nsianim anaa nsiakyire. Nhwɛsoɔ;
- Ɔkyerɛkyerɛni kyerɛ adeɛ.
- Mmaa noa aduane.
- Nnipa didi.
Ɛnsiiɛ Kabea
[sesa]Saa kabea yi kyerɛ biribi a ahyɛ aseɛ na ɛnya mmaa awieeɛ. Ɛkyerɛ biribi a ɔyɛfoɔ no gu so reyɛ, ɛtaa nya nsianim /re/. Nhwɛsoɔ;
- Abarimaa no redidi.
- Krakyeni no retwerɛ adeɛ.
Ayɔasie Kabea
[sesa]Ɛkyerɛ adeɛ bi atwa mu nanso ɛho adeɛ wɔ hɔ berɛ a yɛreka ho asɛm no. Yei taa nya nsianimu /a/. Nhwɛsoɔ;
- Akosua adidi
- Yɛawie adwuma no.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ English Grammar - Verb Tenses: Box set (books 1-7) (in English), retrieved 2025-07-23
- ↑ Sari Martin, Virginia McHardy (2019-06-23), Verb Tenses for English for Academic Purposes (in English), retrieved 2025-07-23
- ↑ Dictionary.com | Meanings & Definitions of English Words (in English), retrieved 2025-07-23
- ↑ English Verb Tenses (in English), retrieved 2025-07-23
- ↑ The English Tenses Practical Grammar Guide (in British English), retrieved 2025-07-23
- ↑ Mamta Mehrotra (2024-03-09), The Book of English Grammar Tenses: Most Valuable Bestseller eBooks (in English), Prabhat Prakashan, ISBN 978-93-5562-300-3, retrieved 2025-07-23