Adeyɔ Asɛm ( Verbs)
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Adeyɛ yɛ asɛmfua bi a ɛkyerɛ deɛ obi reyɛ anaa tebea a obi wɔ mu wɔ ɔkvasamu mu.[1][2][3][4]
Adeyɛ a ɛkyerɛ nneyɛɛ anaa deɛ obi reyɛ no tumi ma wohunu adeɛ pɔtee a ɔyɛfoɔ no reyɛ. Sɛ ebia;
- Kofi rekɔ afuom.
- Ɔkraman no redi aduane no.
- Ama rekɔ nsuo.
Adeyɛ a ɛkyerɛ tebea a obi wɔ mu. Sɛ ebia;
- Kofi wɔ anigyeɛ mu.
- Ama wɔ awerɛhoɔ mu.[5]
Adeyɛ Mu Nkyekyɛmu
[sesa]Yɛtumi kyɛ Adeyɛ mu akuo mmiɛnsa sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi:
Adeyɛ a ɛfa ɔyɛfoɔ nko ara
[sesa]Yei yɛ adeyɛ a ɛtumi fa ɔyɛfoɔ nko ara a, ayɔdeɛ biara nka ho. Nhwɛsoɔ:
- Bra
- Kofi ada
- Ama kɔ
- Abɔfra no resu.[6]
Adeyɛ a ɛtumi fa edin dwumadie mmienu.
[sesa]Saa adeyɛ yi deɛ ɛtumi fa ɔyɛfoɔ ne ayɔdeɛ wɔ ɔkasamu mu. Nhwɛsoɔ;
- Ɔbɔfoɔ no akum aboa no
- Ɔkra no akyere akura no
- Ama awe nam no.[7]
Adeyɛ a ɛfa edin dwumadie mmiɛnsa
[sesa]Saa adeyɛ yi tumi fa ɔyɛfoɔ ne ayɔdeɛ mmienu. Nhwɛsoɔ;
- Maame no maa abɔfra no paanoo.
- Mekyɛɛ abaayewa no sika.
- Kwame manee me sika.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ What Is a Verb? | Definition, Types & Examples (in American English), retrieved 2025-07-22
- ↑ https://study.com/learn/lesson/verb-overview-types-examples.html?utm_source=perplexity, retrieved 2025-07-22
{{citation}}: Missing or empty|title=(help) - ↑ Scribendi Inc, What is a Verb? | Scribendi (in English), retrieved 2025-07-22
- ↑ What Is a Verb? | Definition, Examples & Types (in American English), retrieved 2025-07-22
- ↑ Verbs: Definition and Examples, retrieved 2025-07-22
- ↑ English Grammar Rules - Verbs, retrieved 2025-07-22
- ↑ https://byjus.com/english/verbs/ (in English), retrieved 2025-07-22
{{citation}}: External link in(help)|title=