Jump to content

Adesua Nhyehyɛeɛ Pono

Ɛfi Wikipedia

Adesua nhyehyɛeɛ pono yɛ nhyehyɛeɛ ne nkyerɛkyerɛmu a ɔkyerɛkyerɛni bi yɛ fa adekyerɛdeɛ bi ho na ɛkyerɛ ɔkwan a adekyerɛ bi bɛfa akɔ so no wɔ nnidisoɔ kwan so. Ɛsane nso kyerɛ deɛ ɔkyerɛkyerɛni no bɛyɛ firi adesua no ahyɛaseɛ kɔsi n’awieeɛ. Yei boa ma ɔkyerɛkyerɛni no kyerɛ adeɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ sɛdeɛ ɛfata. [1]

Ɛsono adesuadeɛ biara ne ɔkwan a yɛbɛtumi afa so akyerɛ ama awie mudie. Nnneɛma bi te sɛ ɔkyerɛkyerɛni no su, ɔkwan a asuafoɔ fa so sua adeɛ ne adesua korɔ anaa tɔpik no na ɛbɛkyerɛ sɛdeɛ adesua nhyehyɛeɛ pono no bɛsi akɔ.[2] Adesua nhyehyɛeɛ pono kyerɛ adwentitire a ɔkyerɛkyerɛni bi bɛtwe adwene asi so wɔ adesuadeɛ bi mu. Deɛ wei kyerɛ ne sɛ, sɛ ɔkyerɛkyerɛni bi rebɛkyerɛ adeɛ a, ɔhyehyɛ adwenpɔ ahodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde to dwa no wɔ adesua nhyehyɛeɛ pono no so na ɛboa no ma ɔtumi twe adwene si ne nyinaa so wɔ adekyerɛ no mu.[3]

Adesua nhyehyɛeɛ pono so mfasoɔ

[sesa]

Deɛ nti a adesua nhyehyɛeɛ pono ho hia wɔ adekyerɛ ne adesua mu no gu mu ahodoɔ pii. Yie bi na ɛdidisoɔ yi. [4]

  • Adesua nhyehyɛeɛ pono boa ma ɔkyerɛkyerɛni no siesie ne ho yie ma ɔhaw ne osiakwan biara ɛbɛtumi apue adekyerɛ ne adesua mu na wapɛ ano sie ansa na aduru.
  • Adesua nhyehyɛeɛ pono boa ma ɔkyerɛkyerɛni no tumi dwene adesuadeɛ a wapaw sɛ ɔrebɛkyerɛ ne aboadeɛ ahodoɔ ahodoɔ a ɛbɛhia wɔ adekyerɛ no mu.
  • Adesua nhyehyɛeɛ pono boa ɔkyerɛkyerɛni ma no hunu baabi a ɛtwa sɛ ɔde adekyerɛdeɛ no di dwuma. Ɛnam sɛ biribiara tumi si wɔ adesuabea berɛ a adekyerɛ rekɔ so no nti, adesua nhyehyɛeɛ pono tumi yɛ ahobammɔ ma ɔkyerɛkyerɛni no berɛ a biribi a wonsusu bɛsi.
  • Adesua nhyehyɛeɛ pono no tumi boa ma ɔkyerɛkyerɛni no tumi hyɛ asuafoɔ no ahiadeɛ nso berɛ a ɔreyɛ ahoboa no.
  • Sɛ ɔkyerɛkyerɛni no nni hɔ a, ɛnam adesua nhyehyɛeɛ pono nti, ɔkyerɛkyerɛni foforɔ biara tumi gyina anan kyerɛ adeɛ no pɛɛpɛɛpɛ berɛ a adesua nhyehyɛeɛ pono da ho.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://nacca.gov.gh/curriculum/
  2. Meyer, M. (2010). Bedford Introduction to Literature: Reading, Thinking, Writing. Bedford/St. Martin's.
  3. Archive copy (PDF), archived from the original (PDF) on 2025-07-24, retrieved 2025-08-30{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. Azasu, K. & Geraldo, P. (2005). Mastering Literary Criticism. Accra: Yamens Publishing House Caroli, D. (1990). Chinua Achebe: Novelist, Poet, Critic. London: Edward Arnold.