Adekyerԑ kwan a adesua no nnyinasoↄ ne ɔkyerɛkyerɛni
Appearance
Adekyerԑ kwan a adesua no nnyinasoↄ ne ɔkyerɛkyerɛni yԑ adekyerɛ ne adesua kwan a ɔkyerɛkyerɛni na odi dwumadie no nyinaa. Ԑha no akↄyԑ sԑ Tikya na adwene ne nimdeɛ nyinaa wↄ ne tirim nti nimdeԑ no nyinaa firi Tikya nkyԑn na ↄde ma asuafoↄ.[1] Asuafoɔ no deɛ wɔnnim hwee ne saa nti adekyerɛ akwan ahodoɔ a ɛhyɛ aseɛ no sԑ Tikya de redi dwuma a ɔntaa mfa asuafoↄ no nhyԑ adesua no mu. Afei nso, ɔkyerɛkyerɛni ntaa mmisa n'asuafoɔ no nsɛm. Yɛfrɛ no teacher-centred method wɔ Borɔfo Kasa mu.[2]
Adekyerԑ kwan a adesua no nnyinasoↄ ne ɔkyerɛkyerɛni ho nhwɛsoɔ
[sesa]Adekyerԑ kwan a adesua no nnyinasoↄ ne ɔkyerɛkyerɛni ho nhwɛsoɔ bi ne Ɔkakyerɛ anaa lecture method, Ɔyikyerԑ anaa demostration method ne deɛ ɛkeka ho.[3] Wɔtaa de saa adekyerɛ kwan yi di dwuma wɔ suapɔn adesua ne adekyerɛ mu pa ara.
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ https://www.researchgate.net/profile/Kevin-Krahenbuhl/post/What-is-the-status-of-social-studies-in-your-education-system/attachment/59d6470ac49f478072eaec72/AS%3A273839546667009%401442299843228/download/2003+-+Leming+-+Where+Did+Social+Studies+Go+Wrong.pdf#page=109
- ↑ https://jethe.org/index.php/jethe/article/view/156
- ↑ https://www.tandfonline.com/doi/abs/10.3109/01421599209044010