Jump to content

Adekyerԑ Akwan

Ɛfi Wikipedia

Adekyerԑ akwan yԑ akwan bi a ↄkyerԑkyerԑni nam so de nhyehyԑeԑ a wayԑ no adesua nhyehyԑeԑ pono so no da nimdeԑ bi a ↄpԑ sԑ asuafoↄ no nya wↄ berԑ pↄtee a adesua no rekↄ so no mu adi. Ԑyԑ kwan a akyerԑkyerԑfoↄ fa so ne asuafoↄ de wↄn nimdeԑ a wↄwↄ wↄ adesua bi mu no to dwa wↄ mmerԑ a adesua rekↄ so wↄ suadan mu. Ԑyԑ anammↄn biara a ↄkyerԑkyerԑni tu de boa asuafoɔ ma wɔte deɛ ɔrekyerɛ wɔn no ase a biribiara rensi adekyerɛ ne adesua no kwan. [1]

Adekyerԑ akwan ahodoↄ

[sesa]

Adekyerԑ akwan gu mu ahodoↄ pii nanso wↄde ne nyinaa akↄhyԑ adekyerԑ akwan titire mmienu mu. [2]Deɛ ɛdi kan yԑ deԑ ↄkyerԑkyerԑni no na ɔdi akotene wↄ adekyerԑ ne adesua no mu deɛ yɛfrɛ no Teacher Centred method wɔ Borɔfo Kasa mu no, na deɛ ɛtɔ so mmienu no yɛ deɛ osuani no na ɔdi akotene wↄ adesua ne adekyerԑ no mu deɛ yɛfrɛ no Learner Centred method wɔ Borɔfo Kasa mu no. [3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://books.google.com/books?hl=en&lr=&id=vd7kjZd_M-EC&oi=fnd&pg=PR3&dq=teaching+methods&ots=x4TPDEYrMl&sig=MzH5DUWwr6R35R8Ih72Ehui8RBs
  2. https://www.sciencedirect.com/science/article/pii/S1229545014000175
  3. https://www.researchgate.net/publication/350192150_Essentials_of_Teaching_and_Teaching_Methods