Jump to content

Adekyerɛ Aboadeɛ

Ɛfi Wikipedia

Adekyerɛ aboadeɛ yɛ nneɛma anaa akadeɛ bi a ɔkyerɛkyerɛni bi de ka n’adekyerɛ ho ma adekyerɛ no wie mudi na atumi aboa ama asuafoɔ no ate adekyerɛ no ase yie. Ɛyɛ nneɛma binom a ɛboa ma adekyerɛ wie pɛyɛ. Akadeɛ ahodoɔ a kyerɛkyerɛni de di dwuma wɔ adekyerɛ mu ma adekyerɛ wie pɛyɛ na asuafoɔ nso nya nteaseɛ a ɛfata. [1]

Adekyerɛ Aboadeɛ Nkyekyɛmu

[sesa]
  • Aboadeɛ a yɛde yɛn ani hwɛ
  • Aboadeɛ a yɛde yɛn aso tie
  • Aboadeɛ a yɛde yɛn ani hwɛ san de yɛn aso te no berɛ korɔ no ara
  • Aboadeɛ a yɛtumi de yɛn nsa ka [2]

Adekyerɛ aboadeɛ so mfasoɔ

[sesa]

Adesua aboadeɛ boa ma asuafoɔ no nya adesua no mu suahunu a ɛfata, ɛma adekyerɛ no yɛ mmrɛ, ɛma asuafoɔ no nya adesua no mu nteaseɛ a ɛfata, ɛsan boa ma wɔkaakae deɛ wɔakyerɛ wɔn no na ɛka wɔn tiri mu nso. Afei nso, ɛboa ma asuafoɔ no sua deɛ ɛwɔ sɛ wɔhunu pɔtee na ɛboa ma asuafoɔ no de wɔn ho hyɛ adekyerɛ ne adesua no mu pa ara. Yei nyinaa ma adekyerɛ ne adesua yɛ anika na ɛboa ma nkitahodie a ɛfata kɔ so wɔ suadan no mu.[2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://www.researchgate.net/profile/Radhika-Kapur-2/publication/334083571_Development_of_Teaching-Learning_Materials/links/5d15c7fc458515c11cfdb5f3/Development-of-Teaching-Learning-Materials
  2. 1 2 https://www.academia.edu/99774327/Examining_the_use_of_Teaching_and_Learning_Materials_TLM_methods_in_Basic_School_Level_by_Socials_Studies_teachers_in_Ghana_A_tracer_study