Jump to content

Adekorabea

Ɛfi Wikipedia
Osaka Ɔhoni a ɛwɔ adekorabea bi wɔ Ghana

Adekorabea yɛ beaɛ a ɛgye, kora, kyerɛkyerɛ na ɔda nneɛma ahodoɔ a pii adi wɔ abakɔsɛm kwan so na saa beaɛ yi, wɔma kwan ma obiara tumi di hɔ akɔneaba. Afei nso, wɔn dwuamdie ho te na wɔto wɔn bo ase kyerɛkyerɛ nneɛma mu yie de ma wɔn a wɔaba hɔ no. Yei ma wɔn a wɔaba hɔ no anigye na wɔnya asuadeɛ pii firi hɔ.[1]

Ne Dwumadie

[sesa]

Adekorabea pii no ara wɔ nneɛma ahodoɔ pii a wɔda no adi berɛ biara na wɔsane nso wɔ mmeaɛ ahodoɔ a nhwehwɛmufoɔ ne animdefoɔ nko ara na wɔma wɔn kwan ma wɔhwɛ.[2] Adekorabea asɛyɛdeɛ titire ne sɛ wɔnam wɔn dwumadie so boa nnipa pii no ara ma wɔnya asuadeɛ pii fa wɔn abakɔsɛm ho. Afei nso, wɔboa wɔn ma wɔsua afoforɔ amammerɛ na wɔkyerɛ ho anisɔ. Nneɛma ahodoɔ a wɔda no adi yi bi ne mfoni ahodoɔ a ɛfa abakɔsɛm ho, adwenneɛ, ɔman akyerɛkyerɛkwan, ahoni ne afoforɔ pii a ɛkeka ho. Nneɛma ahodoɔ a wɔda no adi no boa ma wɔka mmusua, ɔman, nkuro, nkurase ne ɔsom ahodoɔ ho abakɔsɛm. [3]

Adekorabea ahodoɔ a ɛwɔ Ghana mu

[sesa]

Adekorabea ahodoɔ a ɛwɔ Ghana no, kuo a ɛhwɛ adekorabea ne nneɛma a ɛtete saa so (Ghana Museums and Monuments Board) na ɔde tumi a wɔde yɛ adwuma no ama wɔn. Adekorabea ahodoɔ a ɛwɔ Ghana no bi ne Manhyia Ahenfie Adekorabea, Yaa Asantewaa Adekorabea, Prempeh II Jubilee Adekorabea, Bisa Aberewa Adekorabea, Cape Coast Castle Adekorabea, Elmina Castle Adekorabea, Elmina Java Adekorabea, Fort Apollonia Adekorabea a ɛwɔ Nzema a ɛhwɛ Amammerɛ ne Abakɔsɛm so.[4]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://www.researchgate.net/publication/374777083_What_is_a_museum_in_2023
  2. Thompson, G. (1986). The Museum Environment, London: Sage Publications.
  3. Stone, L. D. (2001). Using the Art Museum, Massachusetts, Worcester: Davis Publication Inc.
  4. https://www.researchgate.net/publication/301296930_Sustainability_of_Asante_Manhyia_Palace_Museum_A_collection_of_cultural_identity