Jump to content

Adedie

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

AdedieGaana Akanfoɔ amammerɛ ɛne sɛ, obi awu na obi refa n’akyi nneɛma anaa sɛ ɔresɔ n’asɔ mu anaa sɛ ɔrefa ne tuo. Akanman mu no, adedie gu ahodoɔ mmienu: ɛna fam adedie ne agya fam adedie.[1] Saa nkorɔfoɔ yi yɛ mmusuakuo kɛseɛ bi a wɔka kasa ahodoɔ bi te sɛ; Asante, Akuapem, Fante, Kwawu, Akyem, Sefwi, Bono, Akwamu ne wɔn a ɛkeka ho.Sɛ yɛfa ɔha nyiyimu a, ɛmu bɛyɛ sɛ aduokron na ɛdi ɛna adeɛ na ɛmu bɛyɛ du na ɛdi Agya adeɛ.[2]

Adedie nkyerɛmu

[sesa]

Akanfoɔ di adeɛ kɔ ɛna fam. Akanman mu deɛ, wɔfasenom ne anuanom na wɔtaa di adeɛ,ne titire no,sɛ ɔbarima panin bi awu wɔ abusua bi mu.Akanfoɔ gye di sɛ abɔfra nam mogya so na ɔne ne na bɔ abusua.[3] Afei nso ɔsane nam sunsum so na ɔne n’agya bɔ abusua. Enti Akanman mu no,wɔgye di sɛ agya yɛ ɔhɔhoɔ ɛfiri sɛ wɔdi adeɛ kɔ ɛna fam.[1][4]

Ɔkwan a wɔfa so yi odiadefoɔ

[sesa]
  • Sɛ obi wu wɔ abusua bi mu a,deɛ wɔtaa yɛ ne sɛ,Abusuapanin ne abusuafoɔ no hyia na wɔahwehwɛ ne nuanom mu anaa sɛ ne wɔfasenom mu apɛ deɛ wɔde owufoɔ no tuo bɛhyɛ ne nsa.
  • Na mmom,wɔhwɛ sɛ deɛ wawuo no nuanom bi na ɔbɛdi n’adeɛ nanso sɛ ɛkɔba sɛ ne nuanom asa a, ɛna wɔfaase ba mu. Ɛno nti na Akanfoɔ bu bɛ bi sɛ; "Niwaa mma nsaeɛ a,wɔfaase nni adeɛ".
  • Saa nso na wɔdi adeɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ. Ɛne sɛ, ɔbaapanin a ɔwɔ anuanom no mu mma na wɔdi adeɛ ansa na kumaa no fam nso abɛtoa so.
  • Ɛwom wɔdi adeɛ nnidisoɔ nnidisoɔ nanso ɛduru obi so na wɔhwɛ na sɛ ɔnni suban pa a,wɔtumi twa no gya de ma obi a ɔdi akyire a ɔwɔ suban pa. Wɔhwɛ obi a n’ani da fam a ɔremmɛsɛe agyapadeɛ a owufoɔ no agya hɔ no.
  • Akanfoɔ amammerɛ mu no,sɛ deɛ ɔwuiiɛ no yɛ ɔbaa na sɛ ne nuammaa no bi te ase a, baako na ɔfa n’asɔ na ɔhwɛ ne mma ma no. Mmom ne nneɛma a wawu agya hɔ no taa kɔ ne mma no hɔ gye sɛ, ɔyɛ obonin a sɛbe wanwo da.
  • Baabi nso wɔ hɔ a, sɛ ɔbaa bi wu na sɛ ne nua bi di adeɛ a, ɔdane adedie no de ma owufoɔ no babaa na ɔtena akyi hwɛ sɛ biribiara bɛkɔ so frɔmfrɔm wɔ mma a aka akyire no abrabɔ mu.
  • Akanman mu no, sɛ wɔyi odiadefoɔ a, mma no de a anigyeɛ soa no bɔ no hyire ne titire no, sɛ ɛyɛ wɔn abodwo wɔ deɛ ɔrebɛfa wɔn papa anaa maame asɔ mu no.

Odiadefoɔ asɛdeɛ

[sesa]
  • Akanman mu no,sɛ obi bɛdi adeɛ a,nneɛma a wɔde hyɛ ne nsa no bi ne nsase,mfuo,sika,akonnwa ne agudeɛ.Ayie no akyi a ɛyɛ adaduannan no, ɛsɛ sɛ odiadefoɔ no ne abusuafoɔ no hyia na wɔbuebue owufoɔ no nnaka nso.
  • Sɛ agyapadeɛ papa bi wɔ hɔ a, wɔhyia abusua no bu akonta kyerɛ wɔn sika a wɔnya firii ayiyɔ no mu.
  • Wɔde saa sika no bi hwɛ mmɔfra a wɔwɔ abusua no mu a wɔhia mmoa wɔ sikasɛm mu.
  • Deɛ ɛhia kɛse paa wɔ Akanfoɔ adedie mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ odiadefoɔ no pɛ agyapadeɛ no bi ka ho. Akanman mu nso no,ɛyɛ odiadefoɔ no asɛdeɛ sɛ ɔhwɛ owufoɔ no yere ne ne mma.
  • Tete berɛ no mpo deɛ,na odiadefoɔ no tumi ware ɔbaa kunafoɔ no.

Mfasoɔ a ɛwɔ akanfoɔ adedie mu.

[sesa]
  • Ɛde asomdwoe ba abusua no mu.
  • Ɛde nkɔsoɔ nso ba owufoɔ no yere ne ne mma abrabɔ mu.[5]
  • Ɛma yɛhunu Akanfoɔ ankasa ne sɛdeɛ wɔn nhyehyɛeɛ teɛ.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1 2 P. A. Owiredu (1959), "The Akan System of Inheritance Today and Tomorrow", African Affairs, vol. 58, no. 231, pp. 161–165, ISSN 0001-9909, retrieved 2025-07-14
  2. Why Akan's practice the matrilineal system of inheritance | Pulse Ghana (in English), retrieved 2025-07-14
  3. Nana Arhin Brempong (2000), Joao de Pina Cabral, Antónia Pedroso de Lima (ed.), "4. Elite Succession Among The Matrilineal Akan of Ghana", Elites : Choice, Leadership and Succession, Antropologia (in English), Lisboa: Etnográfica Press, pp. 75–89, ISBN 979-10-365-1634-4, retrieved 2025-07-14
  4. Historical roots of matrilineal inheritance among the Akan people of Ghana (in English), retrieved 2025-07-14
  5. NYANSAPO TV (2022-06-23), WHY AKAN CHILDREN INHERIT THEIR UNCLES || FAMILY TREE || OLD HISTORIAN OKOFO POMAA, retrieved 2025-07-14