Jump to content

Adanech Abebe

Ɛfi Wikipedia
Adanech Abebe
አዳነች አቤቤ
Adanech wɔ 2019
32nd Mayor of Addis Ababa
Mprenpren
Bere
28 September 2021 (2021-09-28)
ƆmanpanyinSahle-Work Zewde , Taye Atske Selassie
Prime MinisterAbiy Ahmed Ali
DeputyJantirar Abay
OdikanfoTakele Uma Benti
Deputy Mayor of Addis Ababa
Bere
18 August 2020 (2020-08-18)  28 September 2021
ƆmanpanyinSahle-Work Zewde
Prime MinisterAbiy Ahmed Ali
OdikanfoTakele Uma Banti
AnanmusiniJantirar Abay
Attorney General of Ethiopia
Bere
12 March 2020 (2020-03-12)  18 August 2020 (2020-08-18)
OdikanfoBerhanu Tsegaye
AnanmusiniGedion Timothewos
Ministry of Revenues and Customs Authority (Ethiopia)
Bere
20 October 2018  12 March 2020
OdikanfoNhwɛsoɔ:Interlanguage link
AnanmusiniLake Ayalew
Ne ho asɛm
Awo bereArsi Province, Ethiopia
AmanyɔkuoProsperity Party
Mma2
Sukuu a w'akɔ
Ethiopian Civil Service University

Greenwich University

Adanech Abiebie (Amharic: አዳነች አቤቤ, Oromo: Adaanach Abeebee) yɛ Etiopia amanyɔni a ɔredi dwuma sɛ Addis Ababa mayor a ɔtɔ so 32 fi 2021. Ɔyɛɛ deputy mayor fi 2020 kosi 2021. Ansa na ɛrekɔ saa no, na ɔyɛ Ɔsoafo a Ɔhwɛ Revenues ne Customs Authority fi 2018[1][2] kosi 2020. Wɔ 2020 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔyɛ Federal Attorney General wɔ Etiopia[3]. Ɔyɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔyɛ mayor wɔ Addis Ababa fi bere a wɔtee saa dwumadie no wɔ 1910 mu[4].

Ne Mmofrase

[sesa]

Wɔwoo Adanech wɔ Arsi Province. Wɔnnya ne busua ho nsɛm pii amfa ne ho[5]. Wɔnim no sɛ Abebe Deso na ɔyɛ ne papa. Ɔyɛ ɔbaa a ɔdi kan wɔ mma nsia mu. Ne papa Abebe nyaa din wɔ mantam no mu . Wɔ 1977 mu no, ɔtee Ireecha Primary School[5]. Adanech na ɔyɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔkɔɔ saa sukuu no. Bere a na awareɛ a wɔhyɛ no (child marriage) reba no, Adanech kyerɛɛ ne papa sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ sukuu. Eyi maa ne papa tee mmabaa a wɔhyɛ wɔn so ase[5]. Ɔfii ase kaa agya a wɔmpɛ sɛ wɔma wɔn mmabaa kɔ sukuu no sobo. Sukuu no hyɛɛ aseɛ: mmaa baanum na wɔkɔɔ mu. Nanso Adanech nko ara na ɔtwaa 6th Grade National Exam (Ministry Exam)[5].

Nhomasua

[sesa]

Adanech wiee nʼundergraduate wɔ Law mu wɔ Ethiopian Civil Service University wɔ 2001 mu. Ɔkɔɔ graduate program wɔ leadership mu wɔ Greenwich University wɔ United Kingdom[5].

Amanyɔsɛm Adwuma

[sesa]

Mfiase Dwumadie

[sesa]

Mfiase no, ɔyɛɛ sukuu a ɛyɛ mfiase (elementary school) kyerɛkyerɛni . Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ sukuu no administrative director. Nʼakwankyerɛ tumi wɔ federal ne mantam nyinaa mu maa ɔhyɛɛ amanyɔsɛm mu[5].

Mmaranim ne Mmarahyɛbadwa Dwumadie

[sesa]

Wɔ 2001 mu no, Adanech som sɛ attorney wɔ Oromia Justice Bureau. Wɔ 2005 abatoɔ mu no, ɔdii nkonim ma Aseko constituency wɔ House of Peoples' Representatives.

Adanech with other cabinet ministers meeting at Office of Prime Minister of Ethiopia in 2019

Oromia Development Association (ODA)

[sesa]

Ɔyɛɛ director wɔ Oromia Development Association (ODA) ma ɛyɛɛ mfeɛ num. Wɔ saa dwumadie mu no, ɔ sesaa kuo no status[5].

Mayor of Adama

[sesa]

Ɔbɛyɛɛ Adama mayor. Ɔyɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔyɛ saa dwumadie wɔ Adama . Wɔ nʼabadiem mu no, ɔyɛɛ nsakrae titiriw. Ɔ maa ɔmanfoɔ a wɔyɛ amumɔyɛ (corruption) so te[6].

Ɔsoafo Dwumadie (2018–2020)

[sesa]

Wɔ 20 October 2018 mu no, wɔpaw no sɛ Ɔsoafo a Ɔhwɛ Revenues ne Customs Authority. Ɔsom wɔ saa dwumadie mu kosi 12 March 2020[7].

Attorney General (2020)

[sesa]

Wɔ 12 March 2020 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔyɛ Federal Attorney General wɔ Etiopia. Ɔsom wɔ saa dwumadie mu kosi 18 August 2020[7].

Deputy Mayor of Addis Ababa (2020–2021)

[sesa]

Wɔ 18 August 2020 mu no, wɔpaw no sɛ Addis Ababa deputy mayor. Ɔsom wɔ saa dwumadie mu kosi 28 September 2021[5].

Mayor of Addis Ababa (2021–premp so)

[sesa]

Wɔ 28 September 2021 mu no, ɔbɛyɛɛ Addis Ababa mayor a ɔtɔ so 32. Ɔyɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔyɛ mayor fi bere a wɔtee saa dwumadie no wɔ 1910 mu[8][9]. Wɔnim Adanech sɛ ɔ ko tia amumɔyɛ (corruption fighting). Wayɛ nsakrae titiriw wɔ Etiopia. Wɔ Tigray War mu no, ɔboaa maa ɔman no nya ahoɔden sɛ wɔnko tia TPLF atuatwe no. Wɔ November 2021 mu no, Adanech kɔsraa ENDF asraafoɔ a wɔpira wɔ Armed Forces Comprehensive Specialized Hospital wɔ Bishoftu. Ɔde birr ɔpepem 15 (15 million birr) a ɛyɛ aduruyɛ ne ntadeɛ maa asraafoɔ no wɔ "law enforcement operation" no mu. Wɔ October 2021 mu no, Adanech ne aban mpanyimfoɔ foforɔ kɔsraa cluster wheat farm wɔ Hitosa District wɔ Arsi. Wɔ nhyiamu no ase no, ɔkaa sɛ ɛho hia sɛ wɔhwɛ aduan ahoɔden (food security)[10]. Wɔhwɛɛ hectare 680 a wɔduruu aduan wɔ nnɔbaeɛ bere no mu. Adanech san kyerɛɛ anti-American gyinabea wɔ ɔko no mu. Wɔ March 2021 pro-government rally mu no, ɔbɔɔ aban no ho ban. Ɔkaa sɛ:

"America ne wɔn nkurɔfoɔ a wɔne wɔn wɔ ka, wɔnte TPLF akwan ne wɔn amumɔyɛ ho ase, nanso wɔregye wɔn ho wɔ yɛn ɔman mu nsɛm mu. Wɔde akwanhyɛ (travel sanctions) ne nhyehyɛe a yɛnnye ntom.[10]"

Ne Kurom Nsɛm

[sesa]

Ɛwɔ mu sɛ Adanech ntwerɛ nʼankasa ne ho nsɛm wɔ amansan media so deɛ, nanso ɔdaa ne kunu Teshome Abebe adi wɔ Seifu on EBS talk show episode no mu. Adanech san kae sɛ ɔwɔ mma baanu, ɔbarima ba ne ɔbaa ba[11]

Hwɛ Nso

[sesa]
  • Council of Ministers of Abiy Ahmed

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. ኢዛ, ወ/ሮ አዳነች አቤቤ የኢ/ር ታከለ ኡማን ሥልጣን ተረከቡ (in British English), retrieved 2026-03-26
  2. "Addis Standard", Wikipedia (in English), 2026-02-27, retrieved 2026-03-26
  3. Admin (2020-03-12), Ethiopia's first women attorney general confirmed in the parliament (in American English), retrieved 2026-03-26
  4. Adanech Abebe (in English), retrieved 2026-03-26
  5. 1 2 3 4 5 6 7 8 Sophonias Woldu (2022-03-26), "Adanech Abebe Biography | Education, Career, Family & Net Worth", Typical Ethiopian (in American English), archived from the original on 2022-10-18, retrieved 2026-03-26
  6. Adanech Abebe | Profile | Africa Confidential (in English), retrieved 2026-03-26
  7. 1 2 Mayor's Office, Mayor's Office | News (in English), retrieved 2026-03-26
  8. Sophonias Woldu (2022-03-26), "Adanech Abebe Biography | Education, Career, Family & Net Worth", Typical Ethiopian (in American English), archived from the original on 2022-10-18, retrieved 2026-03-26
  9. Mayor Adanech Abebe (in American English), retrieved 2026-03-26
  10. 1 2 Time We Become Food Secure Drawing Near: Mayor (in American English), 2021-10-13, retrieved 2026-03-26
  11. Sophonias Woldu (2022-03-26), "Adanech Abebe Biography | Education, Career, Family & Net Worth", Typical Ethiopian (in American English), archived from the original on 2022-10-18, retrieved 2026-03-26