Acacia Kamerunesis

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛdi kan no, Acacia yɛ  pantropical abusuakuo kɛseɛ no asefoɔ no bi a ɛno nso wɔ nkyekyɛmu bɛboro apem ne ahasa ( 1300 species). Yɛbɛnya wɔn mu fa kɛseɛ no wɔ Australia . Australia deɛ no bɛboro ahankron,  America deɛ nso bɛboro ahaanu na bɛyɛ ahaasa nso wɔ Abibrem. "Acacia kamerunensis" nso yɛ " c. 13 species"  a ɔka nnubena abusakuo a wɔfrɛ wɔn "Acacia pennata complex" no ho. Species yeinom su no bi ne sɛ, wɔtumi foro soro . Afei, wɔtumi nso bakyerebakyere adeɛ.[1]

Wɔn nte sɛ "subgenus Aculeiferum" species a wɔne wɔn bɔ abusua no. Wɔde edin " Acacia pennata ( L) Wild " ama abibrem nhabanmma du-mmeɛnsa a wɔtumi foro soro no nyinaa. Na mmom, edin no da deɛ ɛwɔ Asia Abueɛ- atɔeɛ fam (South-East Asia). Titiriw,  ɛwɔ "ethnobotanical literature"  a ɛfa "tropical Africa" ho no mu no,  dwuma a wɔde ‘Acacia pennata’ di no mma kwan sɛ ɛbɛnya saa din no.

(Circumnutation) ne nkaseɛ a adi afra na ɛboa ma  (Acacia kamerunensis) tumi foro nnua.[1]

 Atenaeɛ( Ecology)[sesa]

Acacia kamerunensis  ahaban a ɛnenam fam (low land crop) a enyini wɔ rain-forest  ne secondary forest mu.[1]

Kwan a wɔfa so dua[sesa]

Ne mma apem ( 1000-seed) no mu duro yɛ ( c. 58 g) nanso wɔnterɛɛ briribiara mfaa kwan a Acacia kamerunesis ase fa so dɔre ho. Ɛwɔ ɛpɔ foforɔ yɛ (forest regeneration)  mu no,  Acacia kamerunensis mma timba nnua bi te sɛ khaya anthotheca Heckel ne Nauclea duderrichii a wɔn ho hia pa ara no kwan ma wɔnyini. Nkrɔfoɔ akyerɛ wɔn adwene sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nhyehyɛeɛ gu akwan mu, na  aboa ma nnua a ɛwɔ beaeɛ ahodoɔ a Acacia Kamerunesis wɔ no nso atumi anyini.[2]

Ackee and saltfish, a traditional Jamaican dish

Ne dwumadie[sesa]

Ne dua wɔ faeba (fibre) dennen bi a wɔde yɛ  (cordage) ne (fishing gear).  Ɛwɔ Ghana man mu no  ɛbinom de faeba (fibre) no yɛ kɛtɛ a wɔhata so  kookoo. Nkwadaa de yɛ  nhoma de to adonko. Wɔde ne nhoma nketewa no nso kyekyere adeɛ. Wɔtaa kyekyere bɔ so mprenu ama ahoɔden aba mu. Wɔsan nso de ne mu no yɛ adeɛ a wɔtumi de ne mu no nso yɛ soko dua twitwi wɔn se. Ɛwɔ Ghana atɔeɛ fam no,  ne nhini no ka sokodua ahodoɔ mmeɛnsa a wɔtaa tɔ pa ara no ho. Ne mu nhoma no bi yɛ mmerɛ na mmɔfra ne mpanin nyinaa taa de yɛ sokodua de twitwi wɔ se.  Ne bono no wɔ tannin na Ghanafoɔ ne yɛ nhoma (leather). Wɔde ne nhaban no nso ma nyɛnmmoa sɛ aduane.[3] [4]

Hwɛ[sesa]

Hwɛ bio: Jamaicafoɔ nnuane.

Baabi a menyaa mmoa friiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Acacia kamerunensis, retrieved 2024-03-03
  2. Tarin Toledo-Aceves, Michael D. Swaine (2008-06-01), "Above- and below-ground competition between the liana Acacia kamerunensis and tree seedlings in contrasting light environments", Plant Ecology (in English), vol. 196, no. 2, pp. 233–244, doi:10.1007/s11258-007-9347-0, ISSN 1573-5052, retrieved 2024-03-03
  3. Acacia kamerunensis Gandoger [family LEGUMINOSAE-MIMOSOIDEAE] on JSTOR, doi:10.5555/al.ap.upwta.3_277, retrieved 2024-03-03 {{citation}}: Check |doi= value (help)
  4. 7 Uses for Acacia (in English), 2014-11-21, retrieved 2024-03-03