Abrodwum
Appearance
Abrodwum yɛ kuro bi din. Mpanimfoɔ kyerɛ sɛ wɔ wɔn atenaeɛ hɔ no, na dua bi a na ne sɛso te sɛ aburo yɛ adeɛ a na ɛdɔɔso wɔ ho yie, na saa dua yi na wɔfrɛ no Abrodwum.[1][2]
Ɛno nti berɛ a wɔhunuu sɛ Aburodwum yi dɔɔso wɔ hɔ, sɛ obi bisa wɔn sɛ wɔte hen a asɛm a wɔka ne sɛ wɔte Abrodwum no mu. Yei toa so a ma wɔn nyinaa gye tom sɛ wɔbɛfrɛ wɔn atenaeɛ wɔ Abrodwum.
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Discover 40+ Ashanti Town Names with Meaning, Culture, and Pride | Explore Kumasi (in American English), 2025-04-21, retrieved 2025-08-22
- ↑ https://study.com/learn/lesson/ashanti-tribe-kingdom-history-people.html, retrieved 2025-08-22
{{citation}}: Missing or empty|title=(help)