Abosomsom
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sɛdeɛ edin "Abosomsom" no ara kyerɛ ne ho ase no, ɛyɛ ɔsom a wɔsom abosom.[1]Na ɛnam gyidie a nnipa binom wɔ na wɔde som saa abosom yi. Ɛyɛ ɔsom a ɛda adi wɔ wiase afanaa nyinaa a ɛka nnipa no bi amammerɛ ne amanneɛ ho.Wɔn tirimupɔ ne sɛ wɔbɛboa ama nnipa ntam ayɔnkofa no adi mu na afei wɔne ahonhom ne abɔdeɛ nso anya ayɔnkofa.[2][3]
Wɔn Gyidie Ne Wɔn Dwumadie
[sesa]- Onyankopɔn ne anyame nketewa mu gyidie: Abosomsom ahodoɔ no nyinaa wɔ gyidie sɛ Onyankopɔn yɛ baako,na Ɔno na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne ɛmu nneɛma nyinaa a abosom nketewa, ahonhom ahodoɔ ne nsamanfoɔ ka ho. Na wɔn nso, wɔtumi de wɔn ahiaseɛm to wɔn anim ma wɔboa wɔn.[4]
- Ahonhom mu ayɔnkofa a wɔne abɔdeɛ wɔ: Mpɛn pii no abosomsomfoɔ hunu abɔdeɛ biara sɛ ɛyɛ kronkron. Ɛbi te sɛ nnua, nsuo,aboɔ ne deɛ ɛkeka ho nyinaa.Wɔhunu no sɛ saa abɔdeɛ weinom nyinaa yɛ ahonhom.
- Nyankomadeɛ ne afahyɛ: Ɛbi ne afɔdeɛ a wɔbɔ,afɔrema ne afahyɛ a wɔyɛ sɛdeɛ wɔne anyame nketewa bɛnya ayɔnkofa a ɛmu yɛ duru.
- Abrabɔ Pa: Abosomsomfoɔ di nokware na wɔde deɛ ɛda to deɛ ɛsɛ sɛ ɛda. Wɔde akyiwadeɛ ahodoɔ na ɛbɔ wɔn bra wɔ amammerɛ ahodoɔ mu te sɛ awareɛ,ayiyɔ ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Sɛ wɔbu saa akyiwadeɛ yi so a,asotwe wɔ hɔ a ahonhom no de ma wɔn. Ɛno nti wɔbɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛyɛ deɛ ɛfata.[5]
- Gyidie a wɔwɔ wɔ ahobanbɔ tumi ne ahonhom akɛseɛ mu: Abosomsomfoɔ gye nnusɛm di,ayeraduro,tumi a ɛbɔ wɔn ho ban ne deɛ ɛtumi sa yareɛ,atorenkyɛm ne deɛ ɛkeka ho nyinaa di.
- Nsamanfoɔ ne Kɔsanbra (reincarmation): Wɔgye di sɛ nsamanfoɔ wɔ tumi wɔ ateasefoɔ so.Wɔsan gye kɔsanbra di ɛnkanka wɔ Abibirem.
- Amammerɛ ntoasoɔ: Abossomfoɔ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn amammerɛ ne amanneɛ atoa so nkyirimma so. Wɔtumi yɛ no nkyerɛkyerɛ.[6]
Abosomsom Ahodoɔ Nhwɛsoɔ
[sesa]Abosomsom ahodoɔ no bi ne: Hinduism, Buddhism, ne gyidie ahodoɔ a nnipa binom wɔ wiase afanaa nyinaa. Wɔn nyinaa wɔ kwan a wɔfa so som wɔn anyame nanso wɔn nyinaa wɔ saa gyidie ne dwumadie yi bi.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Geo (2000-08-22), Africa Traditional Religious System as Basis of Understanding Christian Spiritual Warfare (in American English), retrieved 2025-07-14
- ↑ No Author (2010-04-15), Chapter 3: Traditional African Religious Beliefs and Practices (in American English), retrieved 2025-07-14
{{citation}}:|last=has generic name (help) - ↑ www.wisdomlib.org (2024-10-06), Meaning of Traditional religion in Christianity (in English), retrieved 2025-07-14
- ↑ Understanding the Core Beliefs of Traditional Religion: A Comprehensive Guide - Religion24 (in American English), 2024-12-09, retrieved 2025-07-14
- ↑ What defines Traditionalism as a belief system?, retrieved 2025-07-14
- ↑ Howard Culbertson, Traditional Religions Course: Animism and Tribal Beliefs (in English), retrieved 2025-07-14