Abosomdin
Appearance
Abosomdin yɛ ɛdin a nnipa de ma wɔn abosom esiane wɔn gyidie ne wɔn ɔsom nti. Ɛtɔ berɛ bi a, awoɔ ho tumi yɛ den ma awarefoɔ bi na yei ma wɔtumi kɔ ɔbosom bi hɔ kɔhyɛ wɔn bɔsɛ sɛ wɔboa wɔn ma wɔtumi wo a, wɔbɛto no abadin. Yei ne sɛnti a wɔde abosomdin atoto nkwadaa. [1] binom wɔ nkuro bi soɔ no.
Abosomdin ahodoɔ
[sesa]Bosompra, Bosomtwe, Bosommuru, Bosompo, Bosomafram, Bosomayesu, Bosomkrɛte, Bosomkonsi, Bosomdwerɛbe, Bosomakɔm, Bosomafi, ne deɛ ɛkeka ho [2]
Abosomdin so mfasoɔ
[sesa]- Ɛma yɛhunu obi nkyi. Abosomdin boa ma yɛhunu beaeɛ pɔtee a onipa bi firi. Yei kyerɛ twaka a ɛda onipa no ne ɔbosom no ntam na ɛdin ma ɛda adi sɛ ayɔnkofa bi da saa onipa no ntam na edin no wɔ nsunsuansoɔ wɔ nneyɛɛ a onipa da no adi so.
- Ɛboa ma yɛn amammerɛ ase tim. Yɛnam abosom abadintoɔ so ma amammerɛ a ɛfa abadintoɔ ho no ase tim. Yei te saa abadintoɔ ahodoɔ a ɛwɔ Ghanaman mu no mu baako ne Abosomdin. Mpɛn dodoɔ a yɛde abosomdin bɛtoto nnipa no, na ɛreboa ma abosomdin no ase atim na ɛda awofoɔ gyidie a wɔwɔ wɔ ɔbosom no mu adi na ɛsan kyerɛ ɛkwan a ɔbaa no faa so nyinsɛneeɛ.[2]