Aborɔmmɛ
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Aborɔmmɛ yɛ Akan kasadwini ahodoɔ no mu baako a wɔahyehyɛ no sɛ agorɔ a ɛda nyansa ne amammerɛ adi. Aborɔmmɛ de nsɛmmisa to dwa a ɛma nnipa dwene kɔ akyire ansa na watumi ama ho mmuaeɛ. Saa nsɛmmisa yi ne mmuaeɛ yi da yɛn amammerɛ adi na ɛma nnipa twa mfoni ahodoɔ wɔ wɔn tiri mu.[1][2][3]
Nhyehyɛeɛ
[sesa]Aborɔmmɛ wɔ nhyehyɛeɛ. Ɛwɔ asɛmmisa ne nyiano. Mpɛn pii no deɛ ɔrebisa no ka "Agya rekɔ no, Ɔgyaa me adeɛ bi saa adeɛ no....... ɛyɛ deɛn? Na deɛ ɔreyi ano no ama no mmuaeɛ.[4]
Nhwɛsoɔ
[sesa]- Agya rekɔ no, ɔgyaa me ɔbaa fɛfɛ bi berɛ a na ɔretu kwan.Na ɔbaa no ani gye pa ara berɛ a ɔwɔ awia mu nanso berɛ biara ne ho bɛka nsuo no, na ɔresu. Ɛyɛ deɛn? Mmuaeɛ: Ɛyɛ nkyene.
- Agya rekɔ no,ɔgyaa me adeɛ bi,saa adeɛ no wosoma no a ɔrenkɔ nanso sɛ worekɔ a na ɔdi w’akyi. Ɛyɛ deɛn? Mmuaeɛ: Ɛyɛ Sunsum.[5]
- Agya rekɔ no, ɔgyaa me adeɛ bi saa adeɛ no sɛ ɔwɔ fie a na n’abɔgyesɛ gu abɔnten.Ɛyɛ deɛn? Mmuaeɛ: Ɛyɛ wisie.
- Agya rekɔ no, ɔgyaa me adeɛ bi,saa adeɛ no ɔwɔ kyɛ san si kyɛ so.Ɛyɛ deɛn? Mmuaeɛ: Ɛyɛ aborɔbɛ.
- Agya rekɔ no, ɔgyaa me adeɛ bi,saa adeɛ no sɛ ɔrebɛkɔ wuo a gye sɛ ɔti ne maame ansa na wawu. Ɛyɛ deɛn? Mmuaeɛ: Ɛyɛ mankyese.
- Agya rekɔ no, ɔgyaa me adeɛ bi saa adeɛ no sɛ ɛyɛ baako a wotumi bu mu,nanso sɛ woka bom a worentumi mmu mu. Ɛyɛ deɛn? Mmuaeɛ: Ɛyɛ prayɛ.
- Agya rekɔ no, ɔgyaa me adeɛ bi saa adeɛ wɔnam mmiɛnsa na ɛdi wɔn dwuma nanso sɛ woyi baako firi mu a mmienu an aka no rentumi nyɛ adwuma da.Ɛyɛ deɛn? Mmuaeɛ: bukyia.
- Agya rekɔ no, ɔgyaa me adeɛ bi saa adeɛ no wɔwoo no no na ɔyɛ tenten pa ara nanso ɛduruu sɛ ɔrewuo no na wayɛ tiatia koraa. Ɛyɛ deɛn? Mmuaeɛ: Ɛyɛ candle.
- Agya rekɔ no, ɔgyaa me adamfoɔ bi ɔboa me wɔ nimdeɛ ne nyansa mu nanso ɔntumi nkasa. Ɛyɛ deɛn? Mmuaeɛ: Ɛyɛ nwoma.[6]
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Jonathan Edward Tetteh Kuwornu-Adjaottor, George Appiah, Melvin Nartey (2019-10-27), "Semantically Ambiguous: An Overview of Some Akan and Dangmbe Riddles", Journal of Arts and Humanities (in English), vol. 8, no. 10, pp. 60–72, doi:10.18533/journal.v8i10.1731, ISSN 2167-9053, retrieved 2025-07-18
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link) - ↑ Melvin Nartey (2019-01-01), Semantically Ambiguous: An Overview of Some Akan and Dangmbe Riddles, doi:10.18533/JOURNAL.V8I10.1731, retrieved 2025-07-18
- ↑ Page not found – Noyam Research Archive (in American English), retrieved 2025-07-18
{{citation}}: Cite uses generic title (help) - ↑ Akomapa TV Online (2021-12-25), AGYA 3K) OGYA ME ADE3BI / 35 AKAN RIDDLES, retrieved 2025-07-18
- ↑ Akomapa TV Online (2021-11-02), AGYA 3K) OGYA ME ADE3BI / 14 AKAN RIDDLES, retrieved 2025-07-18
- ↑ 44 riddles about Ghana with answers - Aha Riddles (in American English), 2024-01-16, retrieved 2025-07-18