Aboakyere Afahyɛ

Ɛfi Wikipedia
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.

Aboakyer Afahye yɛ ɔwansane kyere afahyɛ a nnipa a wofiri Winneba a ɛwɔ Mfinimfin Mantam a ɛwɔ Ghana na di.

Asɛmfua Aboakyer no gyina hɔ ma ahayɔ a wɔde kyere wuramunam wɔ Mfantefoɔ Kasa a wɔn a wɔka no firi Mfinimfin Mantam mu. Wɔdi saa afahyɛ yi de kae atukɔtena a Simpafo (nnipa a wɔn wɔ winneba no ammere din) no yɛei. Wɔtu firii Afrika apuei kuro a ne din de Timbuktu Atifi-Atɔe fam a ɛyɛ tete Sudane aheman na ɛbaa Mfinimfin Mantam mpoano wɔ Ghana. Akwantuo no yɛ nea anuanom mmarima mmienu na edii anim. Nnipa no gyedi sɛ onyame bi, a wɔfrɛ no Otu na ɔbɔ wɔn ho ban wɔ wɔn akwantuo no mu a bɔne biara nto wɔn, aseda a wɔpɛ sɛ wɔde ma no nti, wɔkɔɔ bisaa ɔkɔmfo a ɔda bosom no ano a na ɔyɛ ntamgyinafo ma bosom no ne nnipa no, afɔrebɔ nko na ɛsɔ n’ani. Anwnawasɛm ne sɛ, bosom no afɔreɛ a ɔkae sɛ ohia no yɛ nnipa a ɔfiri adehyeɛ abusuakuo no mu mogya.

Wɔde adesrɛdeɛ too bosom no anim sɛ ɔnsesa n’aforebɔ no anyɛ saa, adehyeɛ abusua no ase bɛtɔre. Bosom no sesaeɛ yɛɛ nea ɔkae no ma afei ɔkaa sɛ wɔmfa ɔkra a ne bu afu yiye mmra sɛ aforebɔdeɛ, sɛ wɔde ba a, ɛsɛ wotwa ne ti wɔ bosom no so na ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi afe biara. Ansana afahyɛ no bɛfri aseɛ no, nnipa no sesaa bosom no atenae kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Penkye. Wɔyɛɛ saa wie no, wɔsesaa bosom no din yɛɛ no Penkye Otu, a ɛkyerɛ ne fie korakora. Nnipa no hyɛɛ ase hwehwɛɛ ɔkra a ne bo afuw no na ama w’atumi adi afahyɛ no. Nnipa pii wuwuiɛ wɔ berɛ a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkyere ɔkra a ne bo afuw no na wɔde no aba Penkyi berɛ a onwui.

Ansana afahyɛ no bɛfiri ase no, nnipa no sesaa bosom atenae kɔɔ babi wɔfrɛ hɔ Penkye. Berɛ a wɔyɛɛ saa wie no, wɔsesaa bosom no din yɛɛ no Penkye Otu, a ɛkyerɛ ne fie korakora. Nnipa no hyɛɛ ase hwehwɛɛ ɔkra a ne bo afuw no na ama w’atumi adi afahyɛ no. Nnipa pii wuwuiɛ wɔ berɛ a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkeyere ɔkra a ne bo afuw no na wɔde no abɛma Penkyi berɛ a onwui. Nnipa no san de adesrɛde a ɛtɔ so mmienu kɔtoo penkyi Otu anim sɛ ɔnsesa n’adwen wɔ aboa no ho. Adesrɛde no ma no sesaa n’adwen pene so sɛ ɔbɛgye ɔwansane a wanyin.Ahayɔ kuo mmeinu a wɔn ne Tuafo (kuo a edi kan) ne Dentsifo (kuo a ɛtɔ mmienu) de sii wɔn ani so sɛ firi saa da no, wɔbɛkyere ɔwansane a onwui abre nnipa no dwabɔ no ase. Saa afahyɛ yi yɛ nea wɔdi no kotonima bosome no mu na ɛyɛ adwabɔ kɛseɛ wɔ Ghana.

Abakɔsɛm a wɔka[sesa]

Simpafoɔ no yɛ nea wɔde wɔn ano aka abakɔsem yi akyerɛ wɔn nkyiri mma denam nwomtoɔ, anansesɛm bre a ɔsram no apae ne asafonwom so. Saa abakɔsɛm yi ka kɔɔ so kosii sɛ abrɔfo a wofiri Europe no baa mpoano a ɛwɔ Gold Coast na wɔkyerɛw wɔn brɔfo kasa no. Nwomanimfoɔ hyɛɛ ase kyerɛ Fante Kasa no ase kɔɔ brɔfo kasa mu.

Afahyɛ no[sesa]

Winneba Aboakyere Afahyɛ bre

Wɔdi afahyɛ no wɔ memeneda a edikan wɔ kotonima bosome no mu. Wɔ da edikan no mu no, Asafo akuo mmienu no de wɔn ho hyɛ ahayɔ no mu. Kuo a ebɛdikan akyere ɔwansane a onwui wɔ kwae a wahyɛda agyae ato hɔ ama saa adeyɛ no, de aboa no brɛ ahemfo no ne nnipa no wɔ adwabɔ no ase. Wɔbɔ wɔn abaso sɛ wɔyɛ akokorodurufoɔ. Wɔde ɔwansane no bɔ afɔreɛ no wei a na w’ahyɛ afahyɛ no ase. Wɔyɛ afahyɛ no de srɛ akwankyerɛ ne nnɔbae twabrɛ papa firi abosom no hɔ ma afe a edi wɔn anim no.

Nkekaho[sesa]

Daniella Damptey (talk) 14:49, 7 Ogyefuo 2022 (UTC)Daniella Damptey