Jump to content

Abayɛn

Ɛfi Wikipedia

Abayɛn yɛ ɔkwan a awofoɔ fa so tete mmɔfra ma wɔnyini bɛyɛ nnipa a wɔn anim wɔ nyam wɔ abrabɔ mu. Deɛ nti a abayɛn ho hia ne sɛ, abɔfra biara nni hɔ a wɔde nteteɛ woo no na sɛ ɔbɛtumi asua nneɛma pa a, gye sɛ awofoɔ nam abayɛn so kyerɛkyerɛ no. Abayɛn mfa nteteeɛ a awofoɔ de ma mmɔfra a wakyem awo no no nko ara na mmom obi foforɔ ba nso yɛtumi de nteteeɛ ma no. Nnipa pii nam abayɛn so atete mmɔfra pii ama wɔabɛyɛ nnipa a wɔn anim wɔ nyam ankasa.

Akwan a wɔfa so da ahɔhoyɛ adi

[sesa]

Akwan a nnipa pii no ara fa so da ahɔhoyɛ adi ne sɛ, sɛ abɔfra bi awofoɔ ka baabi anaa wɔto no agyegyee mu a, awofoɔ foforo tumi fa abɔfra no tete no te sɛ ɔno ankasa ne yam ba. Afei nso, sɛ abɔfra bi renante wɔ kwan a ɛbɛtumi de ne nkwa ato esiane mu a, ɛnyɛ n’awofoɔ nko ara na wɔbɛtumi agye no asi yie. Ɔpanin biara a ɔbɛtumi ayɛ abɔfra no awofo tumi de ntɛnsoɔ ne afutuo ma no de gye no si yie.

Wɔ abayɛn mu no, awofoɔ pii ma abasobɔ, asotwe, kasakyerɛ ne ɔyɛkyerɛ ma mmɔfra hu deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ. Ɛnam sɛ awofoɔ suban ayɛ ahwehwɛ ama mmɔfra nti, wɔbɔ mmɔden da suban pa adi sɛdeɛ mmɔfra no bɛtumi asua bi afiri wɔn nkyɛn. Mpanin se, abɔfra ansɛ ɔni a ɔsɛ ɔse.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]

https://www.jstor.org/stable/pdf/23363898.pdf?casa_token=lqBhbSX-deUAAAAA:0otiMus7tn6y682u10UIWnz6P0BaPXfzttaKhwVD5J-tXNY8ZA5TapzbzelnPAgKvEPrf3ukDy1p3VVrD0MOQNoLLXw9icidPM_TjhTlA8emnHmbfuI

https://link.springer.com/article/10.1007/s10578-018-0799-3

https://ecommons.luc.edu/luc_diss_6mos/8/