Jump to content

Abatoɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Abatoɔ yɛ mmara kwan a nnipa fa so yi nnipa sɛ ananmusifoɔ wɔ amanyɔsɛm mu anaa sɛ ɔfese ahodoɔ mu.[1][2] Wɔnam abatoɔ so na wɔyi saa nnipa no.[3]Ɛyɛ adeɛ a ɛho hia yie pa ara wɔ ka bi ma menka bi amammuo mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi akyerɛ n'adwene na biribiara mu ada hɔ fann ama nnipa anya wɔn ho nteaseɛ.[4]

Abatoɔ Ahodoɔ

[sesa]
  • Ɔmanpanin Abatoɔ: Saa abatoɔ yi kɔ so mfeɛ nnan biara. Saa abatoɔ yi ɔman mma a wɔatwerɛ wɔn din na wɔkura krataa nko ara na wɔwɔ akwanya sɛ wɔto saa aba yi. Wɔto saa aba yi de yi ɔmanpanin a ɔbɛdi ɔman no so mfeɛ nnan.[5][6][7]
  • Mmarahyɛbadwa Abatoɔ: Wɔto saa aba yi de yi nnipa kɔ mmarahyɛbadwafie. Mpɛn pii no, deɛ wɔyɛ ne sɛ wɔto saa aba yi berɛ a wɔreto aba ayi ɔmanpanin no. Ɛno nti obiara a ɔtumi to aba no wɔ ho kwan sɛ ɔto aba no mmienu. Saa abatoɔ yi nso wɔto no mfeɛ nnan biara.
  • Abatoɔ a ɛfa mansini ho ne kuo nketewa a ɛwɔ mansini no mu. Wɔto saa aba yi mfeɛ nnan biara.
  • Refrɛndɔm: Saa abatoɔ yi yɛ "Aane" ne "Daabi" abatoɔ.
  • Run- off: Saa abatoɔ yi nso yɛ sɛ wɔato aba awie nanso na nneɛma mu anna hɔ fann na wɔasan ato aba no foforɔ.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Election | History, Polls, Results, Date, & Facts | Britannica (in English), 2025-07-19, retrieved 2025-07-22
  2. Everything You Need to Vote - Vote.org (in American English), retrieved 2025-07-22
  3. What is a by-election? (in New Zealand English), retrieved 2025-07-22
  4. Types of elections – Electoral Commission, retrieved 2025-07-22
  5. Types of elections – Electoral Commission, retrieved 2025-07-22
  6. Overview of the presidential election process | USAGov (in English), retrieved 2025-07-22
  7. Voting and elections | USAGov (in English), retrieved 2025-07-22