Jump to content

Abasɛm

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Abasɛm anaa Ayɛsɛm yε kasadwini a ↄtwerεfoↄ bi nam ne nimdeε so ahyehyε na εfa nnipa, mmoa ne abↄdeε nkaeε ho na εboa ma yεnya nimdeε berε a yεrekenkan no.[1]

Abasɛm mu nsɛm

[sesa]

Abasεm mu nsεm bεtumi ayε bↄsrεmka anaa sε nokwasεm. Sε yεfa abasεm nhyehyεeε a, εbεtumi ayε tiawa koraa a εmu nsεm no bεyε ahannum (500). Yεbεtumi anya abasεm a εware kakra a εmu nsεm no bεyε mpem dummienu (12,000) kↄsi mpem dunum (15,000). Ԑnna yεwɔ abasεm tenten a εmu nsεm no dɔɔso yie pa ara. Deε εma abasεm anaa ayεsεm da nso firi atwerε kasadwini ahodoɔ no ne sε, wↄatwerε atoam tententen na wↄakyekyε mu kↄ ↄfa ahodoↄ mu (chapters).[2]

Esiane sε twerε no toam tententen nti, yεtumi frε abasεm atwerεtoam. Abasεm a εmu nsεm bεyε sε ahannum no deε, wↄnkyekyε mu saa. Ͻfa biara mu nsεm no nso, εyε a wↄhyehyε no kasapεn kasapεn (paragraphs). Afei kasapεn biara nso no, nsensaneeε no firi nwoma no tire kↄka tire anaasε εfiri nwoma no benkum kↄka nifa. Ͻtwerεfoↄ no bobↄ agorↄmma no din wↄ nwoma no mu na ↄkyerε dwuma a wↄn mu biara redi. Abasεm biara no, εyε a na atwerε no di atwerε mmara so pεpεεpε, ne saa nti, ↄtwerεfoↄ no ntumi ntwa nsεm bi tiawa εnna ↄnni ho kwan sε ↄsesa asεmfua bi twerεbea. Abasεm ho nhwεsoↄ bi ne; Brako, Forosie,

Me Ne M’akyinkyinakyinkyini Yi, Sε Ԑbεwie, Ͻbɔfoɔ Ba Ampomaa, Obeede, Bεdanagya, Owuo[3]

Agyaa ne Mehunuiε a Anka. Megye di sε anyε koraa no woakenkan nwoma yi mu mmienu? Sɛ wonnya nkenkanee bi a, hwehwε bi na kenkan na adesuadeε pii wↄ mu. Hwε sε wobεnya abasεm nwoma no bi aka deε mabobↄ so yi ho a. Twerε deε wobεnya no gu wo nwoma mu.[4][5]

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Kyle DeGuzman on (2025-01-14), What is Prose — Definition and Examples in Literature (in American English), retrieved 2025-08-29
  2. K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-08-29
  3. Kyle DeGuzman on (2025-01-14), What is Prose — Definition and Examples in Literature (in American English), retrieved 2025-08-29
  4. K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-08-29
  5. Literature | Definition, Characteristics, Genres, Types, & Facts | Britannica (in English), 2025-08-26, retrieved 2025-08-29