Aban Kɔɔto
Appearance
Asɛnnibea ɛyɛ onipa anaa nhyehyɛeɛ deɛ biara a mpɛn pii no ɛyɛ aban beaeɛ a ɛwɔ tumi sɛ ɛde mmara siesie ntawantawa a ɛda nnipa ntam bu atɛntenenee ɛwɔ ɔmanfoɔ, nsɛmmɔnedifoɔ ne adwumayɛ mu nsɛm ne sɛnea mmara no teɛ no.
Sɛ yɛfa mmara nhyehyɛeɛ a, asɛnnie de mmara di dwuma pa ara hwɛ tenetene nsɛm wo mmara kwan so. Ɛsane nso boa ma nsɛm da adi pefee na asane nso ayɛ nhwɛsodeɛ ama daakye nsɛm na aboa ama sɛnea wɔde mmara di dwuma no asi pi.
Mmara a wɔtaa de wɔde tumi di dwuma wɔ saa amammuo yi mu no, wɔn a wɔdi wɔn so no nya wɔn ho mfasoɔ.