Aban Ahenfie

Aban Ahenfie ka ahenfie ahodoɔ pii a ɛwɔ Ghana no ho. Saa ahenfie yi wɔ Kumase Atifi Fam. Ahenfie yi nkorabata no gu mu ahodoɔ pii. Ne fa baako na ɔde daa adwenneɛ a Asanteman ayɛ adi na ne fa baako nso ɔde koraa nsa.[1]
Abakɔsɛm
[sesa]Saa ahenfie yi, Asantehene Osei Bonsu na ɔsiiɛ na ɔyɛɛ saa wɔ afe apem aha nwɔtwe ne aduonu mmienu (1822) no mu.[2] Yei nti, wɔsane frɛ no "Bonsu Aban". Deɛ ɛboaa no ma ɔsii saa ahenfie yi ne mmoa a ɔnyaa firii Dutchfoɔ a wɔmaa no aboɔ ne adansifoɔ a wɔfiri Fanteman ne adansie ho aanimdefoɔ a wɔyɛ aborɔfoɔ. Afe apem aha nwɔtwe ne aduoson nnan (1874) mu no, Engresifoɔ a na General Garnet di wɔn anim sɛe saa ahenfie yi na akyire yi wɔsii Engresi fɔte sii n'anan wɔ afe ha a ɛtɔ so du nkron mu.[3] Atimpɔ a Osei Bonsu de sii saa ahenfie yi nyɛ sɛ na ɔresi asi Asante Ahenfie a na adi mfeɛ ɔha (100) no na mmom ɔsi de kaa ahenfie no ho.[3]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Ivor Wilks (1989). Asante in the Nineteenth Century: The Structure and Evolution of a Political Order. CUP Archive. ISBN 9780521379946.
- ↑ Perrot, Claude-Hélène (1999). "Un musée royal au début du XIXe siècle en Ashanti: l'Aban (A Royal Museum in the Early 19th Century among the Ashanti: Aban)". Cahiers d'Études Africaines. 39 (2): 875–884. doi:10.3406/CEA.1999.1782. JSTOR 4392984. S2CID 146917557. (In French)
- 1 2 https://www.facebook.com/photo.php?fbid=1159290015502749&id=100042652853417&set=a.428740881891003