Abagyegyeɛ Nwom
Abagyegyeɛ nwom yɛ nnwom a wɔ to de gyegye abɔ fra agorɔ anaa wɔto de deda no [1]
N'abɔseɛ
[sesa]Sɛdeɛ asɛmfua no ankasa nkyerɛaseɛ teɛ no, Abagyegyeɛ nnwom yɛ nnwom a wɔto ma nkwadaa nya ahomeka na ɛma wɔtumi da. Ɛrekame ayɛ sɛ saa nkyerɛmu yi ara na nnwoma biara ka fa abagyegyeɛ dwom ho. Abagyegyeɛ dwom akɔyɛ ne ho sɛ anansesɛm, anosɛm kasadwini nhwɛsoɔ no mu baako a, nananom de ato hɔ agya nkyirimma. Amammerɛ biara mu no, abagyegyeɛ nnwom yɛ kwan a wɔfa so sua amammerɛ [2] [3].
Botaeɛ
[sesa]Botaeɛ titire a ɛtae abagyegyeɛ dwom akyi gyina pɛ a ɔwofoɔ no pɛ sɛ ne ba no nya ahomeka deda no so. Yei ma mmɔfra nya nkaeɛ soronko bi; mpo berɛ a wɔrenyini no nyinaa. Ɛnnɛ deɛ ɛrekame ayɛ sɛ yɛatoto no ase. Ↄkyerɛ a, yɛbɛtumi akyɛ asɛmfua ' abagyegyeɛ dwom' borɔfoɔ “lullaby” mu mmienu: “lull” ne “aby.” Asɛmfua no ho abakɔsɛm kyerɛ sɛ, “lulling,” ase kyerɛ sɛ wobɛdeda obi. Ɔkyerɛ yei ase firi Sweden, German, Sanskrit, ne Dutch nsɛmfua mu. German ne Sanskrit nsɛmfua “lulled” ne “lolati” kyerɛ “sɛ obi bɛdi biribi mu ahyɛmfire”. Ɛnna Dutch and Sweden nsɛmfua “lolled” ne “lulla” nso kyerɛ “sɛ obi bɛyɛ nnyegyeɛ bi wɔ ne menem a ɔremmue n'ano” anaa “sɛ obi bɛka asɛm bi a ɛmu nna hɔ”. Sɛ obi reto abagyegyeɛ nnwom a, ɔmpɛ sɛ ɛbɛyɛ dede nti, ɛyɛ a ɔtaa to hyɛ ne menem. Afei, ɛmu nsɛm no mu ntae nna hɔ [4].
Wiase nyinaa nwoma a ɛfa amammerɛ mu nnwom ho no nyinaa ka abagyegyeɛ nnwom ho asɛm. Ɛno nti na yɛdii kan kaa sɛ, abagyegyeɛ dwom di akotene pa ara wɔamammerɛ biara mu no. Yɛde deɛ animdefoↄ no aka no to nkyɛn a, nwoma bi a n'atifi asɛm ne ka biribi fa abagyegyeɛ dwom ho asɛm. Wɔ nwoma no mu no, Wɔakyerɛ yɛn sɛ, ne nhwehwɛmu no ho nsɛmmisa a a obisaeɛ ho anoyie no bi ma no hunu sɛ mmaa na wɔtaa to abagyegyeɛ nnwom [5].
Baabi a Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Monika Gurak (2017-04-20), The Book of Lullabies (in English), retrieved 2025-06-26
- ↑ Monika Gurak (2017-04-20), The Book of Lullabies (in English), retrieved 2025-06-26
- ↑ Stéphane Aubinet (2024-12-01), "Lullabies and Universality: An Ethnographic Review", Cross-Cultural Research (in English), vol. 58, no. 5, pp. 411–446, doi:10.1177/10693971241272406, ISSN 1069-3971, retrieved 2025-06-26
- ↑ Stéphane Aubinet (2024-12-01), "Lullabies and Universality: An Ethnographic Review", Cross-Cultural Research (in English), vol. 58, no. 5, pp. 411–446, doi:10.1177/10693971241272406, ISSN 1069-3971, retrieved 2025-06-26
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-06-26