Jump to content

Abɛbudeɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Abɛbudeɛ yɛ abɛbuo nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛmu pii wɔ hɔ a ɛyɛ adwinneɛ anaa abɔsodeɛ a wɔde si bankyiniiɛ, afena anaa akyeampoma so. Yɛtumi nso hunu bi wɔ asɛsɛdwa ne sikadwini mu. Wɔhunu bi wɔ kawa, abɔtire, mpaboa ne ntoma te sɛ kente, adinkra, ne ntoma pa so[1].

Akanfoɔ nam abrabɔ mu suahunu so to wɔn ntoma din a ɛmu fa yɛ abɛbudeɛ. Saa din no fa nnipa bi ntam ayɔnkofa ho, ebi yɛ awerɛkyekyesɛm[2].

Nhwɛsoɔ

[sesa]

Asetena pa ma awerɛfire                                         

Owuo amma manka m'asɛm                           

Wo gyae me awareɛ a, menwe aboɔ                     

Owuo sɛe fie

Abɛbudeɛ yɛ ɛbɛ a ne ka mu no, yɛde nsɛnkyerɛnne ahodoɔ agyinagyina hɔ ama abrabɔ mu nneɛma ne nsɛntitire bi. Saa mmɛ yi deɛ, wɔn a wɔte nsɛnkyerɛnne ase pa ara no na wɔtumi te aseɛ yie[3][4].  

Baabi a mmoa firi

[sesa]
  1. Gonca Kuzay Demir (2016-12-15), "Atasözleri ve Deyimlerde 'Kan' Kavramı (The Concept of 'Blood' in Proverbs and Idioms)", Türk Dünyası Dil ve Edebiyat Dergisi, no. 41, pp. 13–35, ISSN 1301-0077, retrieved 2025-08-29
  2. D. N. MacKenzie (1970-01-01), "Some Kurdish Proverbs", Iran (in English), doi:10.1080/05786967.1970.11834793, retrieved 2025-08-29
  3. D. N. MacKenzie (1970-01-01), "Some Kurdish Proverbs", Iran (in English), doi:10.1080/05786967.1970.11834793, retrieved 2025-08-29
  4. Kofi Agyekum (2019-07-22), "The ethnopragmatics of Akan advice", Pragmatics (in English), vol. 29, no. 3, pp. 309–331, doi:10.1075/prag.17002.agy, ISSN 1018-2101, retrieved 2025-08-29