Jump to content

Abɔfosie

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Abɔfosie yɛ amanneɛ a Akanfoɔ yɛ de pagya abɔfoɔ a wɔatumi akum asono animmuonyam. Wɔn a wɔatumi akum asono mmiɛnsa anaa deɛ ɛboro saa no na wɔyɛ saa amanneɛ yi de hyɛ wɔn animuonyam.[1]

Sɛdeɛ Wɔyɛ no

[sesa]

Sɛ da a wɔsi abɔfoɔ no duru a, anɔpa no ɔbɔmmɔfoɔ a wɔrebɛsi no abofoɔ no de nsa kɔbɔ kurom hɔ Adɔntenhene amanneɛ sɛ worebɛgoro abɔfoɔ. Afei wɔde nsa bɛyɛ akatakyiwa baako kɔma kumpanin se ɔne n'abɔmmɔfoɔ mfa ngoro ma no. Afei abɔmmɔfoɔ no mu bi kɔyam ɔkorobene hono na wɔahono hyire de ne mmienu abɔ ɔbɔmmɔfoɔ a wɔregoro no abɔfoɔ no. Abɔmmɔfoɔ de ntwene kɔ gyedua ase kɔgoro. Wɔrebɔ twene to dwom no, na ebinom, ne titire mmeranteɛ no kurakura wɔn atuo a wɔapomapoma a aboba nni mu de resa. Wɔsa kɔ tia ba tia, na afei wɔtoto atuo no. [2][3]Abɔmmɔfoɔ no yɛ nneɛma a wɔyɛ wɔ wuram no nyinaa bi wɔ abɔntene so hɔ. Abɔfoɔ nkumaa yi yɛ wei de kyerɛ sɛ wɔresrɛ kwan afiri mpanimfoɔ no hɔ. Wɔye saa a, na mpanimfoɔ no amema wɔn nsa so akyerɛ soro de akyerɛ sɛ wɔma no kwan. Afei na ɔbɔmmɔfoɔ no afa ne tuo akɔsa ato dwom. Nkurɔfoɔ tumi yɛ ɔsommɔfoɔ no ayɛ bebree.[4]

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-19
  2. Google Scholar, retrieved 2025-08-19
  3. Google Scholar, retrieved 2025-08-19
  4. Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-08-19