Jump to content

Abɔfono(Aboafunu)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Abɔfono yɛ aboa bi a wawu da wuram na obi akɔto so[1]. Ɛtaa ba sɛ wɔn yɔnko mmoa na wɔku wɔn. Ɔsebɔ, ɔkɔdeɛ, gyata anaa ɔwɔ na wɔtaa yɛ anaa kum mmoa afoforɔ saa. Sɛ ɔsebɔ, ɔkɔdeɛ, anaa gyata kum aboa na ɔwe ne nam no bi a, na wagya nkaeɛ no hɔ[2].

Sɛ ɔbɔfoɔ kɔnya abɔfono bi a ɔsebɔ anaa gyata aku no a, ɔmma so prɛko pɛ na mmom ɔtea mu sɛ "ɔbɔfoɔ mo ɔpeafo". Wei yɛ mmrane a ɔde bɔ aboa korɔ no. Sɛ ɔka saa a, na watwe abɔfono no ase brɛoo. Sɛ wannyɛ saa na ɔma so prɛko pɛ, na sɛ ɔsebɔ anaa gyata no tɛ hɔ a, ɔbɛkye no[3][4].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-20
  2. Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-08-20
  3. Ruth Finnegan (2012), Oral Literature in Africa (in English), Open Book Publishers, ISBN 978-1-906924-72-0, retrieved 2025-08-20
  4. Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-20