Jump to content

Abɔfodwom

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Abɔfodwom yɛ dwom bi a abɔmmɔfo to wɔ abɔfogorɔ  mu de ka abɔmmɔfoɔ ne mmoa ho nsɛm[1].

Kwan a Wɔfa so Nwono

[sesa]

Abɔmmɔfoɔ nam wɔn suahunu anaa nimdeɛ a wɔnya no wɔ wɔn adwuma no mu no so  na wɔde sae saa dwom yi. Wɔto abɔfodwom bere a ɔbɔmmɔfoɔ bi akum obɔpɔn bi anaa sasaboa bi na ɔrebo amansan amanneɛ no na ɔto saa dwom yi de bɔ ne ho mmaranne de kyerɛ dwuma a wadi [2]. Se wɔresi abɔfo anaa wɔreyɛ amanneɛ de agya ɔbɔmmɔfoɔ bi a wawu (asonyie) kwan nso a, wɔto abɔfodwom. Ɛtɔ mmere bi nso a, abɔmmɔfoɔ a wɔyɛ ha tumi hyiam goro de gyegye wɔn ani ara kwa. Saa berɛ yi mu, wɔde ahoseρε ne anigyeɛ to abɔfodwom. Sɛ woretu asomena de apam ɔbɔmmɔfoɔ bi a wakokum osono anaa ɔbopɔn bi ho. Wode nkyenesin mmienu, dawuro, firikyiwa, prempensiwa ne nsambɔ na ɛto abɔfodwom[3] [4].

Abɔfodwom Su

[sesa]

Ɛyɛ nwom a ekura anwonsɛmsu. Nsɛmfua ne kasakoa a yɛnntae nte no wɔ abɔnten anaa yɛn daadaa kasa mu na wɔtaa de nwono[5].

Ahodoɔ

[sesa]

Abɔfodwom gu agodoɔ pii, nanso wotumi gyina ne suban so ne nea ɛka ho kyekyɛ mu akuo mmienu. Saa akuo yi ne:

a) ATIRIMPAEƐ

b) AGORU NNWOM[6].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. William (2017-08-05), Traditional Mamprusi Hunting Songs (in American English), retrieved 2025-08-04
  2. Hunting Song, retrieved 2025-08-04
  3. Kofi Agyekum, Joshua Amuah, Adwoa Arhine (2020-12-30), "Proverbs and stylistic devices of Akwasi Ampofo Agyei's Akan highlife lyrics", Legon Journal of the Humanities (in English), vol. 31, no. 1, pp. 117–144, doi:10.4314/ljh.v31i1.5, ISSN 2458-746X, retrieved 2025-08-04{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  4. William (2017-08-05), Traditional Mamprusi Hunting Songs (in American English), retrieved 2025-08-04
  5. Hunting Song, retrieved 2025-08-04
  6. William (2017-08-05), Traditional Mamprusi Hunting Songs (in American English), retrieved 2025-08-04