Aadowadwom
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Adowa yɛ agorɔ bi a wɔgoro no afiase. Mmaa na wɔtaa to nnwom no na mmarima no nso aka
ntwene no. Ntwene a wɔde goro no ne Atumpan, ne Adawuraa.
Sɛdeɛ Wɔgoro no
[sesa]Sɛ wɔrebefi agorɔ no ase a, adawuraa Kofi bɔ no, kon, kon, kon na mmaa no apagya dwom no, na afei ntwwene nketewa no agye so ansana atumpan akasa. Nsɛm a wode atumpan ka no bi ne:
"Kanka bedi wo nam"! "Makum kɔkɔbo na nkokɔ mmɔ hyire"[1][2].
Wotumi danedane mu de goro densua ne akapoma. Nea agorɔ yi mu dwontoɔ ne asa hyɛ ne nsa ne Adowahemaa. Ɔno na ɔfrɛ dwom no anaa pagya dwom bi ansa na gofomma no nyinaa agye so. Ɛtɔ da bi nso a, nnwontofoɔ pa a wɔwɔ agorɔ no mu nso boa no. Wɔrebefi agorɔ no ase a, wɔtwa aho[3] [4]. Ɛne sɛ, baako kankye, bubu mmɛ ansa na wɔde nnwom pa bi asi so. Wɔtwa aho no wie a, afei wɔfi nnwom no ase. Ɛne Sɛ, Adowahemmea no fa dwom no na ɔto dwom no ankasa kakra ma adowafoɔ no hu dwom korɔ a ɔrefrɛ na afei wɔn nyinaa agye so ato[5][6]
Adowadwom ho Nhweso
[sesa]Prae wo ho yi
Prae wo ho yi
Woyi biako a na ebu o!
Woka bom a emmu oo!
Anuanom ee yen nyinaa!
Ye biako a na εγε ο!
ADOWADWOM HO MFASO
1. Ema anigye ba ayi ase.
2. Emu nsem no bi tu fo fa Akanfo asetena mu nsem ho.
3. Yede kyekye nnipa were.
4. Yede bo akutia tia nneyɛe bone bi a ɛwɔ abrabo mu.
Prae wo ho yi
Prae wo ho yi
Woyi biako a na abu oo!
Woka bom a ammu oo!
Anuanom ee yen nyinaa!
Ye biako a na eγε οο![7]
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Katherine Moss (1998-04-01), "Adowa: Funeral Dance Of Asante As A Vehicle To Express Ethnic Identity", African Diaspora ISPs, retrieved 2025-08-04
- ↑ Adowa dance, retrieved 2025-08-04
- ↑ Adowa dance, retrieved 2025-08-04
- ↑ Adowa dance, retrieved 2025-08-04
- ↑ Kofi Agyekum, Joshua Amuah, Adwoa Arhine (2020-12-30), "Proverbs and stylistic devices of Akwasi Ampofo Agyei's Akan highlife lyrics", Legon Journal of the Humanities (in English), vol. 31, no. 1, pp. 117–144, doi:10.4314/ljh.v31i1.5, ISSN 2458-746X, retrieved 2025-08-04
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link) - ↑ Adowa dance, retrieved 2025-08-04
- ↑ Kofi Agyekum, Joshua Amuah, Adwoa Arhine (2020-12-30), "Proverbs and stylistic devices of Akwasi Ampofo Agyei's Akan highlife lyrics", Legon Journal of the Humanities (in English), vol. 31, no. 1, pp. 117–144, doi:10.4314/ljh.v31i1.5, ISSN 2458-746X, retrieved 2025-08-04
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)