Ananse Ntentan
Appearance
(Ɛfiri ANANSE NTENTAN)
Ananse Ntentan yɛ akanfoɔ ahyɛnsodeɛ anaa ɛdwinie bi a yɛn nananom yɛe a yɛde yɛ abrabɔ ho susudua.Kane no, ohene bi a na yɛfrɛ no Nana Kwadwo Agyeman Adinkra, a na ɔyɛ ohene wɔ Gyaman wɔ Bono man mu na ɔde saa nsɛnkyerɛne yi bae.[1]
Nananom abakɔsm mu no, yɛde ananse gyinahɔ ma obi a ɔyɛ kokuroko. Ɛno nti ɔsa ananse mmrane sɛ, ananse kokuroko, ananse nimdefo, ananse nyansafo. Sɛ yɛhwɛ abɔdeɛ mu a, sɛnea ananse nwene ne ntentan no, ɛyaa na ɛyɛ ahomeka ne anika na ɛsanso yɛ nwanwa. Ɛno nti nananom sɛ ananse gyinahɔ ma nimdeɛ, tumi, nyansa ne nhunumu. Nananom se ananse wɔ nyansa, nimdeɛ ne nhunumu nti yɛbɛtumi ahwɛ ananse su de abɔ bra.
Ananse ho bɛ
- ↑ WISDOM CREATIVITY (ANANSE NTONTAN) (in English), retrieved 2025-05-23
- ↑ Nana Kwabena (2020-09-15), Ananse Ntentan (Ananse Ntontan) (in English), retrieved 2025-05-23