Jump to content

Ɛnne (Tone)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛnne kasa biara ka anaa n'atwerɛ mu no, adeɛ baakoba ɛdi akotene pa ara ne ɛnne. Ɛnne yɛ Ɛkwan a wɔafa fa so agyina atenka so ahyehyɛ nsɛm bi. Ɛnam sɛ wɔafa kwan soronko so ahyehyɛ saa nsɛm yi nti, ɛkanyan atiefoɔ atenka wɔ kwan soronko so.

Kasadwini nkorabata mmiɛnsa no nyinaa mu no, ɛnne di dwumasono wɔ mu[1].

Adeε a εma anwonsεm da nso firi atwerε kasadwini ahodoↄ no ho ne εnne. Ԑnyε adeε a yεhunu, na mmom anwonsεm no ‘kasa’ na εbεma yεahunu anwonsεm no ne εnne a ↄtwerεfoↄ no de rekasa. Ԑnne no na ԑda ↄtwerԑfoↄ no atenka a ↄwↄ mu adi[2]. Ԑha na yԑhunu deԑ ↄtwerԑfoↄ no resi so dua. Ԑnne no bεma woahunu sε anwonsεm dwumfoↄ/ ↄkasafoↄ no ani abere, ↄredi agorↄ, ne werε ↄdi yaa anaa ne werԑ aho, n’ani agye, ↄreteetee, ↄrebↄ kↄkↄ anaa atԑn na ↄrebu akyerԑ akenkanfo no[3][4].

Baabi a mmoa firi

[sesa]
  1. 11 Types of Poetry to Know, With Examples (in English), 2023-04-14, retrieved 2025-09-22
  2. https://study.com/academy/lesson/graphic-elements-of-poetry-their-influence.html, retrieved 2025-09-22 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  3. K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-09-22
  4. https://study.com/academy/lesson/graphic-elements-of-poetry-their-influence.html, retrieved 2025-09-22 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)