Ɛlɛktromote

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛlɛktromote (About this soundpronounciation of“Ɛlɛktromote” ) yɛ kane ewiase ɛhyɛn tu ammirika te sɛ trolleybus nwono biribi, wɔ Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nkron, wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduowɔtwe mmienu (1882) mu na amasan nyinaa hunuuiɛ, nea ɔyɛɛ saa fidie yi ne Dr. Ernst Werner von Siemens a ɔwɔ Halensee, borɔno bi a ɛwɔ Berlin, Germany.[1]

Wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduowɔtwe nson (1847) mu no, Siemens ka kyerɛɛ ne nua barima Wilhelm sɛ ɛwɔ sɛ ɔnya mmerɛ ne sika, ɛfisɛ ɔpɛ sɛ n'ankasa si teaseɛnam a ɛwɔ electro-magnetic propulsion. Wɔ afe afe apem ahanwɔtwe ne aduowɔtwe (1880s) ahyeseɛ mu no, ɔfaa kwan bi so hunuu tirimupɔ a ɔde bɛyɛ, deɛ adi kan ɔbɛyɛ ne sɛ ɔbɛ pegya nnoɔma ne adan a ɛwɔ beaeɛ hɔ wɔ mu wɔ afe afe apem ahanwɔtwe ne aduowɔtwe baako (1881) mu.[2] Halensee, obi a ɔde ne ho na saa berɛ no nso ɔnka Berlin ho, na wɔbɔ ne din wɔ afe a ɛtwam no mu nanso na ɔntuu mpɔn, ɔde saa dwuma yi bɛba wɔ saa berɛ no mu na ɔbɛhia akwanya afa Berlin Ringbahn a ɛbɛn Halensee station.

Ɛlɛktromote no yɛɛ adwuma firii Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nkron de kɔ si Ayɛwohomumɔ bosome ne da a ɛtɔ so dummiɛnsa, wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduowɔtwe mmienu (1882) mu wɔ 540 m (591-yard) trail-track along “Straße No. 5”, today's Joachim-Friedrich-Straße, and “Straße No. 13”, today's Johann-Georg-Straße, a na ɛretwa Kurfürstendamm ɛsoro deɛ no mu. Deɛ efiri beaeɛ foforo kyerɛ sɛ, na afidie (track) no bɛn Ku'damm n'ankasa.[3] Ɛnam sɛ na afidie no ntuu mpɔn na afei ɛyɛ twitwiritwitwiri no nam so maa ɛhyɛn no entumi anyɛ adwuma a ɛmaa berɛ anka wɔde di dwuma no ho nhwehwɛmu bɛyɛɛ kumaa. Amansan soa kɔ anaa yɛkyerɛ no na ɛnka dwumadie no botaeɛ ho.[4]

Ɛlɛktromote a Siemens ne Halska dwumakuo siiiɛ no, na ɛyɛ deɛ wasesa no efiri landau teaseɛnam ntwahonan bi a ne nan yɛ nan, a na ɛwɔ 2.2 kW anyinam ahoɔden mfidie mmienu, a emu biara de ahoɔden nam nkɔnsɔnnkɔnsɔn ahoma so rekɔ ntwahonan ne mu baako mu. Wei baeɛ ɛfiri sɛ na wɔnni differɛnhyial ( differential ) biara a ɛredi dwuma saa berɛ no. Anyinam ahoɔden mu susueɛ dodoɔ a wɔde yɛɛ adwuma ne 500 V DC. Anyinam ahoɔden a wɔde maa coach no, wɔde faa anyinam ahoma a emu yɛ mmerɛ so a na ɛretwe ntwahonan ketewa bi a ne nan yɛ nwɔtwe "Contact car" (Kontaktwagen) a edi dwuma wɔ anyinam ahoɔden nsaneeɛ so. Wɔsusuu ɛhyɛn no sɛdeɛ enfiri nhoma no so mmɛhwe fam.[5] Wɔ borɔfo kasa mu no, Kontaktwagen na ekyire wɔbɛfrɛɛ no "trolley", a ɛnam so maa yɛnyaa trolley ka ne trolley bus wɔn din. Sɛ horsepower no wɔ hɔ a, ne soa kɔ mu duru pɛpɛɛpɛ bɛyɛ 12 km/h (7-mile-per-hour). Sɛ wɔpɛ sɛ ahoɔden ba nhyehyeeɛ no mu, Carl Ludwig Frischen, a ɔyɛ mfididwumayɛfoɔ mu kandifoɔ ma Siemens & Halske, wɔ apata bia ɛbɛn power station bi a wɔsi, a ɛwɔ steam afidie ketewa bi a wɔde sɔ mu ma afidie bi a wɔfrɛ no dynamo.[6]

Ɛhyɛn a wɔde yɛɛ nhwehwɛmu yi na adi dwuma a ɛsɛ sɛ edi no nyinaa awie a ɛfata trolleybus ankasa. Berɛ a ɔyɛkyerɛ no nyinaa baa awieeɛ wɔ Ayɛwohomumɔ bosome ne da a ɛtɔ so dummiɛnsa, wɔtutuu afidie (track) no a na wɔde reyɛ nsɔhwɛ no wɔ Ayɛwohomumɔ bosome ne da a ɛtɔ so dummiɛnsa, wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduowɔtwe mmienu (1882) mu.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Elektromote Archived 2016-07-29 at the Wayback Machine, Siemens History website, accessed 2011-08-28
  2. Siemens history, archived
  3. [1] Archived 2019-01-16 at the Wayback Machine Omnibusrevue.de (german)
  4. [2] Berliner Verkehrsseiten (german)
  5. Kaye, David (1988). Old trolleybuses. Princes Risborough: Shire. ISBN 0852639228.
  6. [3] Archived 2019-07-19 at the Wayback Machine Siemens History (german)

Nkyekyem:Tɛknɔlɔgyi Nkyekyem:Germany