Ɛkoɔna (Akanfoɔ Abusuakuo)

Abusua yi ka Akanfoɔ mmusuakuo nnwɔtwe no ho na wɔn abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛno ne mmusua no nyinaa maame (ɛna). Yei te saa ɛfiri sɛ, Akanfoɔ mmusua dodoɔ no ara ase firi saa abusuakuo yi mu. Wokɔ Fantefoɔ mu a, yɛfrɛ wɔn Kwonnafoɔ. Ɛdin ahodoɔ a wɔtumi de frɛ wɔn ne Ɛkuo ne Asimpi anaa Asokorefoɔ na wɔn mmrane ne "Ahwenie a eda yaawa mu". Abakɔsɛm nso kyerɛ sɛ, wɔn abusua no na ɔde Ɔkyeame dii dwuma kan wɔ ahemfie berɛ a wɔde Nana Awurade Basa dii adeɛ no. [1]Abusua no mu fa kɛseɛ no ara wɔ Mfanteman mu. Wɔn piesie ne Nana Asante Gyima a ɔfiri Adanse. Wɔn maanu ne Nana Afriyie Bonsra a ɔfiri Adanse Fɔmena. Nana Nsutahene yɛ wɔn mɛnsa.[2]
N'akoraboa
[sesa]Wɔn akraboa ne ɛkoɔ na suban a wɔde nim wɔn pa ara ne nokwaredie ne pɛrepɛreyɔ.[1]
Nkuro a wɔdɔm abusua yi
[sesa]Wɔn nkuro no bi ne Oguaa, Berekum, Pakyi, Asaaman, Nkwantanan, Banko, Mprim, Kona, Asɔkɔre-Mampɔn, Kokofu-Aboɔso, Adumasa, Heman, Abenkyem, Jukwaa, Duayaw-Nkwanta ne deɛ ɛkeka ho.[3] [2]
Ahemfoɔ a wɔdɔm Ɛkoɔna abusua
[sesa]Ahemfoɔ a wɔdɔm Ɛkoɔna abusua yi ne
- Adansehene
- Berekumhene
- Oguaahene
- Asokorehene
- Asokore Mamponhene
- Abenkyemhene
- Wiamoasehene
- Kumase Manwerehene
- Adumasahene
- Dua Yaw Nkwantahene
- Konahene
- Kokofu Asaamanhene
- Adanwomasehene
- Pakyihene
- Awua Domasehene
- Agona Akurofosohene[1]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- 1 2 3 Archive copy, archived from the original on 2015-07-06, retrieved 2025-08-18
{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link) - 1 2 https://akannews.com/akan-mmusuakuo-ahodo%c9%94-no-w%c9%94n-abak%c9%94s%c9%9bm-ne-%c9%9bmu-ns%c9%9bm-binom/
- ↑ https://academicjournals.org/journal/AJHC/article-full-text-pdf/DFD857459951