Jump to content

Ɛbɛ Turodoo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛbɛ Turodoo yɛ ɛbɛ a ɛda kasa no mu adwenepɔ no pue prɛko pɛ. Ne nteaseɛ no da adi pefee. Sɛ obi bu saa bɛ yi a, wotumi te aseɛ a worenmmrɛ ho na ɛmu nsɛm yɛ nokwasɛm a akyinnyeɛ biara nni ho.[1]

Sɛ yɛhwɛ ɛbɛ, wupusu nunum a na wote ne kankan a, ɛyɛ biribi a obiara ntumi nnye ho akyinnyeɛ. Nunum yɛ wura bi a ɛyɛ huam pa ara. Nanso, sɛ ne hua no bɛyɛ kɛseɛ a gye sɛ obi woso no ansa na ɛhua no atrɛ akɔ akyiri. Saa ara nso na yɛfa ɛbɛ bi te sɛ, dua a ɛbɛn na etwi a, ɛno nso yɛ nokwasɛm pefee. Sɛ mframa refa anaa ahum retu a, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnua a ɛbɛmmɛn bɛkeka abobɔ mu. Esiane sɛ mframa no de nnua no kɔ afa ne afa nti, ɛbobɔ wɔn ho wɔn ho mu. Ɛrentumi mma sɛ ɛbɛkɔ akɔbɔ dua bi a atew ne ho akɔsi baabi mu. Enti yɛbɛka pa ara a ɛbɛ turodoo gyina asetena ne abrabɔ mu nokwasɛm so na akyinnyeɛ biara nni ho.[2]

Nhwɛsoɔ

[sesa]
  • Abɔfra bɔ nwa na ɔmmɔ akyekyedeɛ.
  • Borɔfrɛ a ɛyɛ dɛ na abaa da aseɛ.
  • Ɔkɔtɔ nnwo anomaa.
  • Woforo dua pa a na yɛpia wo.
  • Anomaa antu a, ɔbua da.
  • Aboa bi bɛka wo a na ɛfiri wo ntoma mu. [2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Prempeh, A. A. (2002). Twi Kasa Mmara ne Fɔnɔlɔgyi ho Nsɛmmisa ne Mmuaeɛ. Santase-Kumase: Premsco Publications
  2. 1 2 OSEI KUFFOUR B. (2020) AKANFOƆ ABԐBUDEԐ MPԐNSԐMPԐNSԐMU A ԐGYINA MƆFƆLƆGYI NE SENTASE NHYEHYԐEԐ SO. Mphil Thesis.