Jump to content

Ɛbɔ Ano (Abɔno)

Ɛfi Wikipedia

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ na nkrɔfokuo bi te ɔtadeɛ Bosomtwe ano pɛɛ na ɛnam sɛ na ɔtadeɛ no dabiara na ɛtrɛtrɛ nti ɛmaa woyɛɛ wɔn adwene sɛ ɛbɛpene wɔn akyi kakra ansa na ɔtadeɛ yi abɛfa wɔn.[1]

Yei nti ɛmaa wɔtu kɔtenaa asutene bi a wɔfrɛ no Ɛbɔ ano pɛɛ. Saa Ɛbɔ yi yɛ nsutene a na ɛbɛn ɔtadeɛ no a wɔsa nom. Deɛ nti a na wɔfrɛ saa nsutene yi Ɛbɔ ne sɛ na ɛda kwaeɛ biretuo bi mu, na na da biara na ɛbɔ asi so, ɛno nti wɔtoo saa sutene yi ɛbɔ.[2]

Ɛnam sɛ wɔkɔtenaa saa sutene wɔfrɛ no Ɛbɔ ano nti, wɔbɛfrɛ wɔn atenaeɛ foforɔ no Ɛbo ano a asekyerɛ ne sɛ sutene ɛbɔ ano. Saa din yi na ɛnnɛ yi abɛdane Abɔno yi.[3]

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Discover 40+ Ashanti Town Names with Meaning, Culture, and Pride | Explore Kumasi (in American English), 2025-04-21, retrieved 2025-08-22
  2. https://study.com/learn/lesson/ashanti-tribe-kingdom-history-people.html, retrieved 2025-08-22 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  3. Ahafo Ano North Municipality - Tepa (in English), retrieved 2025-08-22