Ɔyokoɔ (Akanfoɔ Abusuakuo)

Ɔyokoɔ Abusua yi ka Akanfoɔ mmusuakuo nnwɔtwe no ho na wɔwɔ tumi pa ara na wɔn mu fa kɛseɛ no ara firi Asante ne Akyem. Abusua yi firi Ɛkoɔna Abusuakuo no mu. [1] Wɔn piesie ne Asantehene. Wɔn maanu ne Dwabenhene Nana Yaw Sapɔn. Wɔn mɛnsa ne Nsutahene Nana Amankwaa. [2] Wɔn nnyesoɔ ne “Obiri-Nana (Obiri-na)”,"Yaa Eburu", "Yaa Oyokoɔba" anaa "Yaa Ɔdehyeɛ Nana". [2] Ɛno ne Akanfoɔ abusuakuo no mu deɛ ɔwɔ tumi pa ara ɛfiri sɛ wɔn mu na wɔyi Asantehene firi. Ɛbinom frɛ wɔn Ɔyokoɔ ne Adako Abusuakuo ɛfiri sɛ Adako Abusuakuo mufoɔ no yɛ wɔn wɔfanom. [3]
N'akoraboa
[sesa]Wɔn akraboa ne Ͻkᴐdeε na deɛ ɛkyerɛ ne abotare, akokoduro ne ɔmanbapayɛ. [3]
Nkuro a wɔdɔm abusua yi
[sesa]Nkuro a wɔdɔm abusua yi bi ne Kumase, Kokofu, Bekwae, Mamponten, Bogyaa, Dadieso, Obogu, Atobiase, Pampaso, Kontonase, Kwabere, Kenyase, Sawua, Ahenkro, Adumase, Ohwim, Asankare, Dwansa, Nyaabo, Atweede, Takyiman, Dwaben ne Dwaaso. [4]
Ahemfoɔ a wɔdɔm Asona abusua
[sesa]Ahemfoɔ a wɔdɔm Ɔyokoɔ abusua no ne:[1]
- Asantehene
- Kokofuhene
- Dwabenhene
- Koforiduahene
- Bekwaihene
- Asiakwahene
- Akyem Pesehene
- Akwamu Potsenhene
- Fantse Nsutahene
- Juasohene
- Kontaasehene
- Adwumakaasekesehene
- Sawiahene
- Sresohene
- Dwansahene
- Oboguhene
- Kwaabre Kenyaasehene
- Ayeduasehene
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- 1 2 http://www.asanteman.org/oyoko.html
- 1 2 https://akannews.com/akan-mmusuakuo-ahodo%c9%94-no-w%c9%94n-abak%c9%94s%c9%9bm-ne-%c9%9bmu-ns%c9%9bm-binom/
- 1 2 https://www.researchgate.net/publication/284730565_Documentation_and_Dynamics_of_Oyoko_clan_in_Asante_myth_folklore_and_meaning
- ↑ https://quarmyneofoe.wordpress.com/2019/04/19/the-clans-of-the-akan-tribe/