Ɔyԑkyerԑ Adekyerԑ kwan.
Appearance
Ɔyԑkyerԑ Adekyerԑ kwan yɛ adekyerԑ kwan a ԑfa ahwԑgorↄ kwan bi te sԑ anansesԑntoɔ, agorↄ dwumadie ne agorↄ ahodoↄ so de nimdeԑ ma asuafoↄ. Ԑha no wↄde asuafoↄ hyԑ nkitahodie mapa bi mu. Ɔkyerɛkyerɛni no hwԑ de agofomma dwumadi hyehyԑ asuafoↄ nsa ma wↄsua no bԑyԑ mmerԑ kakra ansa na asuafoↄ no abԑyԑ ↄyԑkyerԑ. [1]
Ɔyԑkyerԑ ne agorↄ dwumadie reyԑ asԑ nanso nsonsonoeԑ kakra wↄ mu.[2] Ɔyԑkyerԑ mu no, ɔkyerɛkyerɛni no kyerԑ asuafoↄ no deԑ wↄbԑka ma wↄsua no mmerԑ pii nanso agorↄ deԑ mmerԑ tiawa bi mu na wↄde to wↄn anim. Deԑ ԑyԑ wↄ ↄyԑkyerԑ kwan ho ne sɛ, ɛma asuafoↄ no ani gye na wɔndom akyɛdeɛ anaa talԑnte a ԑwↄ asuafoↄ no mu nso pue. Deԑ ԑnyԑ wↄ ho ne sɛ ɛgye mmerԑ na ɛmu anigyeԑ no nti woanhwԑ yie a asuafo no bԑhwԑ nanso wↄnsua hwee.[3]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Brenna Argall, Brett Browning, Manuela Veloso (2007-03-10), Learning by demonstration with critique from a human teacher, HRI '07, New York, NY, USA: Association for Computing Machinery, pp. 57–64, doi:10.1145/1228716.1228725, ISBN 978-1-59593-617-2, retrieved 2025-08-31
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link) - ↑ Mark K Ho, Michael Littman, James MacGlashan, Fiery Cushman, Joseph L Austerweil (2016), Showing versus doing: Teaching by demonstration, vol. 29, Curran Associates, Inc., retrieved 2025-08-31
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link) - ↑ Philippe Tohon Loiser, Wanye Endne (2022-11-30), "Effect of demonstration method on learning success", International Journal of Curriculum Development, Teaching and Learning Innovation (in English), vol. 1, no. 1, pp. 1–6, doi:10.35335/curriculum.v1i1.51, ISSN 2985-5349, retrieved 2025-08-31