Jump to content

Osram ne Nsoroma

Ɛfi Wikipedia
Osram ne nsoroma
Osram ne nsoroma Logo
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔsram ne Nsoroma yɛ Bono adinkra ahyɛnsodeɛ no mu baako, a asekyerɛ ne sɛ Ɔsram " Moon " ne Nsoroma ''Star''. Saa nsɛnkyerɛnne yi kyerɛ ɔdɔ, abusuabɔ ne nokwaredie wɔ aware mu. Wɔde ɔsram fa na agyina hɔ ma ahyɛnsodeɛ no a nsoroma bi sɛn ɔsram no so kakra. Adinkra yɛ ahyɛnsodeɛ bi a ɛketa asɛmtitire anaa nkaebɔ. Nnipakuo a wɔwɔ bonoman mu ne Gyaman, Akanfo a wɔwɔ Ghana ne Côte d’Ivoire na wɔtaa de di dwuma kɛseɛ pa ara.[1] Ɔsram ne nsoroma ahyɛnsodeɛ ahodoɔ no ka afasu ne adansi ho nneɛma afoforɔ ho na nnansa yi ara abɛyɛ te sɛ deɛ wɔtaa yɛ wɔ wɔn a wɔyɛ tattoo no ho. Akwan a wɔtaa fa so de adinkra ho nsɛm to dwa anaasɛ wɔde ma ne sɛ wɔbɛma wɔatintim no kɛseɛɛ wɔ ntoma mu na wɔde adi dwuma wɔ anwonsɛm mu.

Adinkra yɛ Akan din a ɛkyerɛ sɛ da yie anaa baebae.[2][3][4] Ɔsram ne nsoroma yɛ adebɔ nnoɔma ahodoɔ mmienu a ahoɔden wɔ mu a wɔde abɔ mu (ɔsram ne nsoroma). Wɔn mmmienu no nyinaa wɔ wiem na ɛma hann a ɛyɛ nwanwa anaa ɛhyerɛn wɔ anadwo. Nsɛm a nyansa wɔm bi wɔ hɔ a ɛne ɔsram ne nsoromma ahyɛnsodeɛ no wɔ abusuabɔ kɛseɛ, a mpɛn pii no ɛne Mmebusɛm wɔ twa ka.

Mmɛ a ɛne no wɔ twa ka

[sesa]

Akanfoɔ a ɛwɔ Ghana de adinkra ahyɛnsodeɛ di dwuma de kyerɛ mmɛ ne nyansapɔ mu ne nsusuyiiɛ afoforɔ anaa atesɛm mu, asetena mu nnoɔma anaa nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia.

Mmebusɛm a wonim no yie no bi ne:

Awareɛ nyɛ nsafufuo na waka ahwɛ, a ɛyerɛ sɛ ''marriage is not palm-wine that you can decide to have a taste before you get served''. Wobetumi akyerɛ aseɛ nso sɛ, ɛkyerɛ sɛ awareɛ nyɛ adwuma, ekuo anaa nhyiamudeɛ bi a wobɛtumi ayɛ akuoba ɛnnɛ na woasane agyae ato hɔ ɔkyena. Saa mmɛmusɛm yi kyiri mpaapaamu anaasɛ ntitimu wɔ awareɛ anaa abusuabɔ mu.

Worekɔ awareɛ bisa, ''This proverb talks about due diligence before marriage''. Nyansa wɔm sɛ wobɛyɛ wo hokani no akyi nhwehwɛmu ansa na woaware anaasɛ nea ɛnyɛ koraa no ɛbɛsi. Ɛtɔ mmerɛ bi a, yɛbɔka wɔ mfomsoɔ bi a yɛyɛ ho. Saa ara nso na ayɛ sɛ deɛ mmɛbusɛm no mu dodowɔ no ara som bo wɔ dwumadie a yɛdi no ho. Saa ahyɛnsodeɛ yi kyerɛ ɔdɔ, abusuabɔ ne nokwaredie nanso ɛsɛ sɛ ɔde ahwɛyie yi ne hokani a ɔfata.

Ahwenepa nkasa, yɛbtumi nso akyerɛ mu sɛ "Ahwenepa"( Good waist beads) "nkasa" (makes no noise). Wei bɛtumi ayɛ deɛ ɛfa ɔbarima pa anaa ɔbaa pa bi a ɔnhyia  nnianim nkyerɛkyerɛmu biara ansana wɔahu no. Wobɛtumi ahyɛ wɔn nse berɛ a woahunu wɔn. Saa mmɛmusɛm yi kasa fa onipa a anka ɔrebɛyɛ wo hokani suban ho. Ɛyɛ den sɛ wobɛnya ɔbarima anaa ɔbaa pa nanso sɛ wohyia saa nipa titire no a, wobɛhunu.

Baabia menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. "Adinkra Symbols", Encyclopedia of African Religion, 2455 Teller Road, Thousand Oaks California 91320 United States: SAGE Publications, Inc., 2009, ISBN 978-1-4129-3636-1, retrieved 2025-05-23{{citation}}: CS1 maint: location (link)
  2. Adinkra Symbols of West Africa, archived from the original on 2025-04-04, retrieved 2025-05-23
  3. "Adinkra Symbols of Ghana", The SAGE Encyclopedia of African Cultural Heritage in North America, 2455 Teller Road, Thousand Oaks California 91320: SAGE Publications, Inc., 2015, ISBN 978-1-4522-5821-8, retrieved 2025-05-23 {{citation}}: horizontal tab character in |work= at position 61 (help)CS1 maint: location (link)
  4. "Adinkra Symbols", Encyclopedia of African Religion, 2455 Teller Road, Thousand Oaks California 91320 United States: SAGE Publications, Inc., 2009, ISBN 978-1-4129-3636-1, retrieved 2025-05-23{{citation}}: CS1 maint: location (link)