Jump to content

Ɔpemsoɔ Afahyɛ

Ɛfi Wikipedia

Ɔpemsoɔ yɛ Asanteman afahyɛ a wɔdi de kae Otumfoɔ Ɔsɛe Tutu a ɔdi kan no awoɔ.

Asantefoɔ di saa afahyɛ yi mfeɛ mmienu biara de hyɛ Asantehene animmuonyam. Asantehene a ɔdi kan, Otumfoɔ Ɔsɛe Tutu a ɔdi kan na wɔhyehyɛɛ afahyɛ yi de maa no. Ɔno ne obi a wɔdii kan de abɔdin ''Ɔpemsoɔ'' no maa no.[1]

Afahyɛ yi berɛ so a, wɔyɛ ɔyɛkyerɛ fa Asantehene a ɔdi kan no awoɔ hi. Beaeɛ a wɔyɛ ɔyɛkyerɛ yi no, wɔfrɛ no Teneabasaso anaa Kwantakese(Ɛyɛ ɛpɔ kɛseɛ bi a wɔsusu sɛ ɛhɔ na wɔwoo no). Saa beaeɛ yi wɔ Kokofu-Anyinam a ɛwɔ Ghana Ashanti Mantam mu. [2][3][4] Ɛdin Teneabasaso ho abaɔsɛm ne sɛ, Otumfoɔ Osei Tutu a ɔdi kan no maame sɔɔ dua a wɔfrɛ no tene mman mu berɛ a na ɔkyem woeɛ.[5]

Afahyɛ no ho Abakɔsɛm

[sesa]

Afahyɛ no, wɔdi de kae Asantehene a ɔgyee Asanteman nkabom sii hɔ no. [4]

Anosɛm abakɔsɛm kyerɛ sɛ Nana Gyamfua Manu Kutusi, a ɔwoo Ɔsɛe Tutu I no pɛɛ ba kyɛreeɛ. Ɔnyinsɛn mpɛn pii maa no sɛeɛ. Akyire yi na Awukugua bi a na ɔsom ɔbosom bi a wɔfrɛ no Tutu boaa no maa no nyaa ɔba no bi. Awoɔ kaa no no, na ɔnam afuomkwan so. Ɛmu yɛɛ den berɛ a ma waduru asuo Kaakawere ho. Ɔhyɛɛ asuo no bɔ sɛ ɔboa no ma n'awoɔ yɛ bɔkɔɔ a ɔde akokɔ ne hyenaapo bɛba abɛda ase. Wɔmaa ɔbaapanin baeɛ. Wɔde no kɔɔ onyina bi ase a ɛhɔ na ɔkɔwoeɛ.[6]

Berɛ a wɔdi Afahyɛ yi

[sesa]

Wɔdi afahyɛ yi mfeɛ mmienu biara ntam. Ɛyɛ afahyɛ a Asanteman nni ho agorɔ koraa ɛsiane sɛ ɛfa wɔn hene a ɔdii wɔn anim maa wɔgyee fahodie firii Gyamanfoɔ ne Dankyirafoɔ nsam no awoɔ ho. Wɔyɛ amanneɛ pii wɔ afahyɛ yi mu. Wɔde nkokɔ, hyenaapo kɔyɛ amanneɛ wɔ asuo Kaakawere berɛ a wɔrekɔ nkwaantakɛseɛ pɔkɛseɛ no mu no. Ansa na Kokofu-Anyinam ahemfoo ne ɔkɔmfoɔ a wɔkɔyɛɛ amanneɛ wɔ pɔ no mu no, na ɛdɔm abɔ dɔmpem wɔ pɔkɛseɛ no ano dada. Wɔpueiɛ ara na ɛdɔm no de anigyeɛ ahyia wɔn kwan. Wɔyɛ Otumfoɔ Ɔsɛe Tutu a ɔdi kan no awoɔ ho yɛkyerɛ wɔ hɔ ara. Wɔwie a, na wɔde nigyeɛ ne osebɔ kɔ fie.[7]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. "Orpaillage clandestin: la fermeté du Roi des Ashanti qui pourrait inspirer ses homologues ivoiriens". Ivoirebusiness.net (in French). January 4, 2019. Archived from the original on November 12, 2024. Retrieved June 9, 2019.
  2. "Kokofu, Bekwai, Ashanti, Ghana: Location Maps". www.maphill.com. Archived from the original on July 2, 2024. Retrieved June 9, 2019.
  3. "Ecofest and Opemsoo Festival". Retrieved June 9, 2019.
  4. 1 2 "Kokofu launches biennial Opemso Festival". www.ghanaweb.com (in English). Retrieved June 11, 2019.
  5. theheraldteam. "Kokofu Traditional Council Launches Opemsuo Festival". Herald (in American English). Archived from the original on April 20, 2016. Retrieved June 11, 2019.
  6. "What are important historical events in your country/nation?". ResearchGate (in English). Retrieved June 9, 2019.
  7. "Media urged to launch extensive programme of education on environment". Modern Ghana (in English). February 8, 2007. Retrieved June 11, 2019.