Jump to content

Ɔkrafrɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔkrafrɛ yɛ nneɛma a Akanfoɔ gye di no mu baako. Ɛno ne sɛ wɔrekɔfrɛ obi a wawu saman anaa ne kra abisa no nsɛnsɛm bi[1]. Nsɛmfua mmienu na ɛka bom yɛ asɛmfua, ''ɔkrafrɛ''. Ɛnonom ne ɔkra( obi a wawu sunsum anaa ne saman)[2].

Ɔkrafrɛ Botaeɛ

[sesa]

Wɔfrɛ ɔkra wɔ berɛ a akyingyeɛ aba nsɛm bi ho. Yɛ a nsɛm a akyingyeɛ aba ho no taa yɛ nsɛm akɛseɛ. Wɔfrɛ ɔkra no pɛ asɛm a abɛda pono so no mu nokorɛ. Nsɛm no bi fa adedie ho. Wɔtumi frɛ ɔsaman bi ma ɔbɛkyerɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔbɛsɔ ne tuo mu(ɔdi n'adeɛ). Yei yɛ berɛ a owufoɔ no te aseɛ no, wankyerɛ nipa korɔ a ɔpɛ sɛ ɔdi n'adeɛ. Afei nso, wɔtumi frɛ obi kra ma no bɛkyerɛ ade korɔ pɔtee a ɛkuu no[3].

Baabi a Wɔtumi Frɛ Akra

[sesa]

Ɔkrafrɛ yɛ adeɛ bi a ɛyɛ hu. Nyɛ obiara na ɔbɛtumi adi saa dwumadie no anim anaa ɔbɛtumi ahwɛ bi. Beaeɛ a wɔtaa yɛ saa adeɛ no pa ara ne abosomfie[4]. Wɔrekɔ a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrekɔtie ɔkra no asɛm no yɛ akokodurufoɔ. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ aniɛdenfoɔ. Afei nso, dwumadie no rekɔ so no, ɛnsɛ sɛ obiara su. Sɛ obi su a, ɔkra no bɛsan nso akɔ[5].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Kofi Agyekum (2010-06-30), "The Sociolinguistics of Thanking in Akan", Nordic Journal of African Studies (in English), vol. 19, no. 2, pp. 21–21, doi:10.53228/njas.v19i2.204, ISSN 1459-9465, retrieved 2025-08-24
  2. Kyung-Ho Cha (2024), "Ghanaian Folk Thought, Akan Religion and an Ethic of Care in Sharon Dodua Otoo's Adas Raum", German Life and Letters (in English), vol. 77, no. 1, pp. 86–101, doi:10.1111/glal.12399, ISSN 1468-0483, retrieved 2025-08-24
  3. Kyung-Ho Cha (2024), "Ghanaian Folk Thought, Akan Religion and an Ethic of Care in Sharon Dodua Otoo's Adas Raum", German Life and Letters (in English), vol. 77, no. 1, pp. 86–101, doi:10.1111/glal.12399, ISSN 1468-0483, retrieved 2025-08-24
  4. Mensah Adinkrah (2022-03-16), ""If you die a bad death, we give you a bad burial:" Mortuary practices and "bad death" among the Akan in Ghana", Death Studies, vol. 46, no. 3, pp. 695–707, doi:10.1080/07481187.2020.1762264, ISSN 0748-1187, retrieved 2025-08-24
  5. Kyung-Ho Cha (2024), "Ghanaian Folk Thought, Akan Religion and an Ethic of Care in Sharon Dodua Otoo's Adas Raum", German Life and Letters (in English), vol. 77, no. 1, pp. 86–101, doi:10.1111/glal.12399, ISSN 1468-0483, retrieved 2025-08-24