Jump to content

Ɔkasamufa Titire

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔkasamufa Titire ne asɛmfua anaa nsɛmfua a ɛtumi gyina wɔn ho so sɛ ɔkasamu na ɛkura adwene baako a ɛdi mu na nteaseɛ wɔ mu, na ɛtɔ aso mu.[1] Ɔkasamufa yi mu biara tumi gyina wɔn ho so sɛ ɔkasamu tiawa.[1] Yei nti, wɔtaa ka sɛ ɔkasamufa titire biara yɛ ɔkasamu tiawa na dwuma a ɔkasamu tiawa di biara no ɔkasamufa titire nso di dwuma korɔ no ara. [2]

Ɔkasamufa Titire ho Nhwɛsoɔ

[sesa]
  • Ama nim Sakune
  • Yɛgye Awurade di
  • Abɔfra no nim nyansa [2]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1 2 Agyekum, K. (2010). Akan Kasa Nhyehyɛeɛ. Accra: Dwumfour Publication.
  2. 1 2 OSEI KUFFOUR B. (2020) AKANFOƆ ABԐBUDEԐ MPԐNSԐMPԐNSԐMU A ԐGYINA MƆFƆLƆGYI NE SENTASE NHYEHYԐEԐ SO. Mphil Thesis.