Jump to content

Ɔkasamufa Kumaa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔkasamufa Kumaa yɛ ɔkasamufa a ɛde ne ho bata ɔkasamufa titire ho ansa na wɔn nteaseɛ adi mu. Yɛsane frɛ no ɔkasamufa a ɛntumi nnyina ne ho so. Saa kasamufa yi gu mu ahodoɔ mmienu. Yei ne nnyinasoɔ kasamufa kumaa ne ɔtebɛka kasamufa kumaa. [1]

Ɔkasamufa kumaa ahodoɔ

[sesa]

Nnyinasoɔ kasamufa kumaa yɛ ɔkasamufa kumaa a ɔkasamufa titire no mu adwene mu no gyina ne so. Yei tumi kyerɛ berɛ, sɛnti farebea, beaeɛ ne botaeɛ nti a obi reyɛ biribi. Saa ɔkasamufa kumaa ahodoɔ yi bɛtumi adi ɔkasamufa titire no anim anaa n’akyi.[1]

Ɔtebɛka kasamufa kumaa yɛ deɛ obi ani ahunu, asusu ho, adwene ho na ɔreka akyerɛ afoforɔ. Mpɛn pii no ɔtebɛka kasamufa kumaa no di titire no akyi. Yei yɛ ɔkasamufa kumaa no fa bi a ɛkyerɛ deɛ obi ate, deɛ obi teeɛ anaa deɛ obi bɛte. Ԑtumi yɛ deɛ obi hunuiɛ, ɔbɛhunu ne deɛ obi nim a ɔreka akyerɛ ɔfoforɔ bi anaa ɔde reto afoforɔ anim. Yɛtaa de nkabomdeɛ “sɛ“ na ɛhyɛ saa kasamufa kumaa yi ase. Sɛ ebia: Kontrofi se, me suman ne m’ani. Yɛgye di sɛ, Onyankopɔn wɔ hɔ. Saa ɔkasamufa kumaa yi yɛ deɛ yɛde ka asɛm fa ɔkasamufa a ɛgyina ne ho so no ho.[2]

Ɔkasamufa ho nhwɛsoɔ

[sesa]
  • Kontrofi se, ...
  • Yɛgye di sɛ, ...

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1 2 Agyekum, K. (2010). Akan Kasa Nhyehyɛeɛ. Accra: Dwumfour Publication.
  2. OSEI KUFFOUR B. (2020) AKANFOƆ ABԐBUDEԐ MPԐNSԐMPԐNSԐMU A ԐGYINA MƆFƆLƆGYI NE SENTASE NHYEHYԐEԐ SO. Mphil Thesis.