Jump to content

Ɔkasamufa (Clause)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔkasamufa yɛ asɛmfua anaa nsɛm kuo bi a ɛtumi gyina hɔ yɛ ɔkasamu anaa sɛ ɛne nsɛmkuo foforɔ bɔ mu yɛ ɔkasamu.[1][2][3][4][5] Nhwɛsoɔ;

  1. Ɔbaa ha nnora
  2. Dua no ware- Weinom nyinaa yɛ ɔkasamu tiawa, na ɛsan nso yɛ ɔlasamufa.
  3. Kofi aba enti kɔ fie na kɔkyea no- Yei nso yɛ ɔkasamu tenten a ɛkura ɔkasamu tiawa mmiɛnsa na ebiara nso yɛ ɔkasamufa.

Ɔkasamufa ahodoɔ

[sesa]

Ɔkasamufa wɔ nkyekyɛmu titire mmienu[6][7];

  • Ɔkasamufa titire
  • Ɔkasamufa kumaa.

Ɔkasamufa Titire

[sesa]

Ɛyɛ ɔkasamufa a adwene a ɛwɔ mu no tɔ aso mu anaa sɛ nteaseɛ wɔ mu. Yei nti ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso sɛ ɔkasamufa titire biara tumi gyina hɔ sɛ ɔkasamu tiawa. Nhwɛsoɔ;

  • Abɛ no abere.
  • Abɔfra no resu.
  • Berɛ a mereba no, mehyiaa ɔpanin Bɛɛko.

Ɔkasamufa kumaa; Ɔkasamufa titire

Ɔkasamufa Kumaa

[sesa]

Yei ne ɔkasamufa a ɛntumi nnyina ne ho so gye sɛ ɛbata ɔkasamufa titire no ansa na nteaseɛ aba mu. Yei kyerɛ sɛ nteaseɛ a ɛwɔ mu no nwie pɛyɛ. Nhwɛsoɔ;

  • Berɛ a Akosua rekɔ no ɔtɔɔ ɛmo.

Ɔtɔɔ ɛmo- nteaseɛ wɔ mu enti ɛyɛ ɔkasamufa titire.

Berɛ a Akosua rekɔ no- nteaseɛ nni mu, enti ɛyɛ ɔkasamufa kumaa.

  • Sɛ akora ba ha, nkokɔ no bɛdwane.

Nkokɔ no bɛdwane- nteaseɛ wɔ mu enti ɛyɛ ɔkasamufa titire.

Sɛ akorɔma ba ha a- nteaseɛ nni mu enti ɛyɛ ɔkasamufa kumaa.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://study.com/academy/lesson/what-is-a-clause.html?utm_source=perplexity, retrieved 2025-07-25 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  2. What are Clauses: The Ultimate Guide (in English), 2021-06-22, retrieved 2025-07-25
  3. Trinka, Clause Definition & Types: Complete Guide with Examples Trinka (in American English), retrieved 2025-07-25
  4. What are Clauses? Definition, Examples (in American English), 2011-02-18, retrieved 2025-07-25
  5. English with Lucy (2022-09-29), Advanced English Grammar: Clauses, retrieved 2025-07-25
  6. https://byjus.com/english/clauses/ (in English), retrieved 2025-07-25 {{citation}}: External link in |title= (help)
  7. Clauses in English: Meaning, Examples, Types & Worksheet (in English), retrieved 2025-07-25