Ɔkasamu Tenten
Appearance
Ɔkasamu tenten yɛ ɔkasamu a ɛde adwene mmienu anaa deɛ ɛboro saa a emu baako pɛ na ɛdi mu anaasɛ ɛtumi gyina ne ho so na afoforɔ no femfem ho. Yei kyerɛ sɛ, sɛ nteaseɛ bɛda adi a gye sɛ ɛde ne ho fam ɔfa no a ɛtumi gyina ne ho so no.[1] Adeɛ fororɔ ne sɛ, ɛkura ɔkasamufa titire baako ne ɔkasamufa kumaa baako. Nkabomdeɛ a wɔtaa de di dwuma wɔ saa ɔkasamu yi nhyehyɛeɛ mu ne; a, berɛ a, sɛ, a, ne adeɛ. [2]
Ɔkasamu Tenten ho nhwɛsoɔ
[sesa](i) Ɔwɔ sika nanso ɔmmɔ akɔnhoma.
(ii) Ɔnim nwoma enti ɔmmu adeɛ.
(iii) Mekɔɔ bi nanso manka bi.
Sɛ yɛhwɛ ɔkasamu a ɛwɔ soro ha yi a mmiɛnsa no nyinaa ɛwowɔ afaafa mmienu a ɔfa a edi kan gyina ne ho so na ɔfa a ɛtɔ so mmienu no nso gyina ne ho so. Na yɛdenkabomdeɛ ahodoɔ bi te sɛ: (nanso, enti,) na akeka wɔn abɔ mu.[3]