Ɔkasamu Mmɔho
Ɔkasamu Mmɔho (Compound Sentence) yɛ ɔkasamu tiawa anaa ɔkasamufa titire ahodoɔ mmienu anaa deɛ ɛboro saa a yɛaka abom ayɛ no ɔkasamu baako, na yɛde nkabomdeɛ ahodoɔ no na ɛde ka ɔkasamu tiawa ahodoɔ no bɔ mu yɛ no baako. [1]Saa ɔkasamufa titire yi, yɛbɛtumi nso aka sɛ ɛtumi gyina ne ho so da nteaseɛ bi adi pefee.Yei kyerɛ sɛ ɔkasamu ahodoɔ no a ɛka bom yɛ ɔkasamu mmɔho no yɛ ɔkasamu a ɛtumi gyina ne ho so anaa mpo yɛbɛtumi aka sɛ ɔkasa tiawa ahodoɔ mmienu na yɛaka abom anya kasamu mmɔho na mmom no yɛde nkabomdeɛ ahodoɔ bi te sɛ; na, anaa, nanso, anaasɛ, gye sɛ, mmom ne pii a ɛkeka ho. [2]
Kae sɛ, ɛnyɛ berɛ biara wɔ Akan kasa mu na yɛde nkabomdeɛ ka ɔkasamu ahodoɔ no bɔ mu ma no bɛyɛ ɔkasamu mmɔho. Yei te saa ɛfiri sɛ, ɛwɔ Asante Twi mu no, sɛ ɔkasamu tenten bi bɛdi mu a gye sɛ yɛde nkabom ahodoɔ no di dwuma.[3]
Ɔkasamu Mmɔho ho nhwɛsoɔ
[sesa]- Nte na nsere: Ɛha yi, Nte yɛ ɔkasamu tiawa, na no yɛ nkabomdeɛ a ɛka ɔkasamufa ahodoɔ yi bom, nsere nso ɔkasamu tiawa[3]
- Bra ha na bɛbo me: Ɛha yi, Bra ha yɛ ɔkasamu tiawa anaa ɔkasamfa, na no yɛ nkabomdeɛ a ɛka ɔkasamufa ahodoɔ yi bom, bɛbo me nso ɔkasamu tiawa