Ɔkasamu
Appearance
Ɔkasamu yɛ kasa mu adeyɛ a ɛkyerɛ adwene, asɛm, anaa asɛmmisa a ɛwie pɛyɛ, na mpɛn pii no emu nsɛm no yɛ asɛmfua baako anaa deɛ ɛboro saa a wɔaka ho asɛm wɔ kasa mu.[1] Kasamu yɛ kasa bi a ɛmu nsɛm no yɛ baako anaa deɛ ɛboro saa na nsɛm no nyinaa yɛ pɛ, na ɛkyerɛ nsusuieɛ anaa asɛm bi a edi mu.[2]
Ɔkasamu yɛ asɛmfua anaa nsɛmfua bi a yɛaka abom na ɛde adwene mu bi to dwa anaasɛ ɛreda adwene baako anaa deɛ ɛboro saa adie. Ɔkasamu biara nso tumi gyina ne ho so.[3] Yɛbɛtumi agyina adwene a ɛwc ɔkasamu mu ne nhyehyɛeɛ so akyekyɛ mu ahodoɔ. Ɔkasamu ahodoɔ no bi ne ɔkasamu tiawa, ɔkasamu mmɔho ne ɔkasamu kuntann.
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Peter Hagoort, Jos van Berkum (2007-04-03), "Beyond the sentence given", Philosophical Transactions of the Royal Society B: Biological Sciences, vol. 362, no. 1481, pp. 801–811, doi:10.1098/rstb.2007.2089, PMC 2429998, PMID 17412680, retrieved 2025-08-27
- ↑ Edward Gibson, Neal J. Pearlmutter (1998-07-01), "Constraints on sentence comprehension", Trends in Cognitive Sciences (in English), vol. 2, no. 7, pp. 262–268, doi:10.1016/S1364-6613(98)01187-5, ISSN 1364-6613, PMID 21244925, retrieved 2025-08-27
- ↑ Abdalraouf Hassan, Ausif Mahmood (2017-05), Deep learning for sentence classification, pp. 1–5, doi:10.1109/LISAT.2017.8001979, retrieved 2025-08-27
{{citation}}: Check date values in:|date=(help)