Jump to content

Ɔhene

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɔhene yɛ obi a ɔyɛ nnipakuo bi kannifoɔ wɔ Akanman mu. Sɛ nnipakuo biara asetena bɛdi mu a, ɛsɛ sɛ wɔnya wɔn baanodani. Akanfoɔ amammerɛ mu no, onipa wɔnam amammerɛ kwan so paw no sɛ ɔnyɛ ɔkannifoɔ ne ɔhene[1].

Ɔhene yɛ obi a ne ho yɛ hene. Asekyerɛ ne sɛ, ɔyɛ obi a ɔnam akwannuasa so boa, ɔtumi wura baabiara, ɔyɛ ɔkofoɔ, na nnipa bebree nso nim no. Sɛ Ɔberempɔn bi kɔ ne nsumankyire anaa akonnwa tɔ a, wɔsi ɔhene foforɔ. Sɛ ɛkyɛ na wɔansi n'anan mu a, na ɔman no awu.

Nnoɔma a wɔhwɛ ansa na wɔapa obi sɛ ɔhene. Sɛ akonnwa bi tɔ a, adehyeɛ a wɔtumi di akonnwa no Kɔsrɛ. Ɛkwan a wɔfa so srɛ ne sɛ wɔde dwantoa fa panin bi a n'anim wɔ fɛdeɛ so kɔto ɔhemaa ne ne mpanimfoɔ anim sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi akonnwa no. Ɔhemaa nso ne ne mpanimfoɔ booboo ho wie a, na wɔapa obi a wɔsusu sɛ ɔsɛ fata[2][3].

Ɔhene Dwumadie

[sesa]

Ɔhene ne ɔkannnifoɔ wɔ Akanfoɔ dwumadie nyinaa mu. Ɔgyina ne manfoɔ anan mu gu nsa srɛ abisadeɛ firi nananom nsamanfoɔ ne abosom hɔ. Ɔdi ne dɔm anim wɔ ako mu. Ɔdi ne manfoɔ asɛm wɔ ahemfie[4].

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Seth Ayim Gyekye (2006-01-01), "Workers' Perceptions of Workplace Safety: An African Perspective", International Journal of Occupational Safety and Ergonomics, vol. 12, no. 1, pp. 31–42, doi:10.1080/10803548.2006.11076667, ISSN 1080-3548, PMID 16553998, retrieved 2025-08-24
  2. Seth Ayim Gyekye (2006-01-01), "Workers' Perceptions of Workplace Safety: An African Perspective", International Journal of Occupational Safety and Ergonomics, vol. 12, no. 1, pp. 31–42, doi:10.1080/10803548.2006.11076667, ISSN 1080-3548, PMID 16553998, retrieved 2025-08-24
  3. Margaret Ivy Amoakohene (2018-12-03), "Contemporarising ɔhene tene (the Akan chief's procession) as political communication", Legon Journal of the Humanities (in English), vol. 29, no. 2, pp. 54–80, doi:10.4314/ljh.v29i2.3, ISSN 2458-746X, retrieved 2025-08-24
  4. Google Scholar, retrieved 2025-08-24