Ɔhemaa
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ɔhemaa yɛ ɔbaa a ɔne ɔhene bom bu man. Akanfoɔ amammerɛ mu no, Ahemaa yɛ mmaa mpanimfoɔ a wɔn asefoɔ na wɔde wɔn si hene. Ɛsiane sɛ Akanfoɔ di adeɛ kɔ ɛna fam nti, ɔhemaa asefoɔ na ɛdi hene. Mpɛn pii no, sɛ nkitahodie a ɛda ɔhene ne ɔhemaa ntam no yɛ sɛ, ɔhene no bɛtumi ayɛ ɔhemaa no nua barima anaa ne ba.[1]
Sɛdeɛ wɔsi hemaa
[sesa]Sɛdeɛ Ɔhemaa na ɔyi ɔhene no, saa ara nso na ɔhene na ɔyi ɔhemaa.[2] Sɛ Ɔhemaa bi tɔ a, adehyeɛ a wɔtumi di adeɛ no de dwantoa fa mpanin a wɔn anim yɛ duru so kɔsrɛ adedie no firi ahemfie mpanimfoɔ hɔ. Mpanimfoɔ no nso de Kɔto ɔhene ne abusuapanin ne ahemfie mpanimfoɔ bi te sɛ Gyaasehene ne Kontihene anim. Ɔhene ne ne mpanimfoɔ nso booboo adesrɛdeɛ a aba no ho hwɛ obi a ɔsɛ fata. Saa berɛ yi, ɔhene na ɔwɔ tumi pa ara wɔ agyinaeɛsie a ɛtwa toɔ no mu. Obi a ɔhene bɛyi no no, ɔno na wɔde no bɛdi adeɛ. Afei, wɔde obi a wɔayi no no kɔtena apata mu kyerɛkyerɛ no amammerɛ ne amanneɛ de kɔsi sɛ ɛberɛ bɛso ama wabɛsuae.[3]
Ɔhemaa asɛdeɛ
[sesa]Ɔno ne mma nyinaa baanodani. Ɔne ɔhene ne ne mapnimfoɔ bom bu man.[4]
Baabi a mmoa firi
[sesa]- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-29
- ↑ J. B. Danquah (1952-10), "The Culture of Akan", Africa (in English), vol. 22, no. 4, pp. 360–366, doi:10.2307/1156919, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-29
{{citation}}: Check date values in:|date=(help) - ↑ Beverly J. Stoeltje (1997), "Asante Queen Mothers", Annals of the New York Academy of Sciences (in English), vol. 810, no. 1, pp. 41–71, doi:10.1111/j.1749-6632.1997.tb48124.x, ISSN 1749-6632, retrieved 2025-08-29
- ↑ J. B. Danquah (1952-10), "The Culture of Akan", Africa (in English), vol. 22, no. 4, pp. 360–366, doi:10.2307/1156919, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-29
{{citation}}: Check date values in:|date=(help)