Ɔdwontoni Ofori Amponsah
Appearance
Ɔdwontoni yi din a n'awofoɔ de too no ne, Samuel Ofori Amponsah. Wɔwoo no afe apem aha nkron ne aduoson nnan (1974). Kuro a ɔfiri so yɛ Akyem Agogo a ɛwɔ Asante mantan mu.[1]
Ɔyɛ ɔdwontoni a ɔto highlife ne hiplife nnwom, ɔno ara na ɔtwere ne nnwom. Wagyegye abasobodeɛ pii wɔ Ghana ne amannɔne.[2]
Ɔwɔ album bebree, nnwom ahodoɔ a ɛmaa ɔgyee din pa ara ne, stoolege, sardine, emmanuella ne deɛ ɛkeka ho. Ɔdwontoni yi di nnwom dwuma wɔ oman Ghana mu, nnwontokuo a na ɔhyɛ aseɛ yɛ "4 reez westside entertainment".[3]
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Ofori Amponsah Biography: Age, Wife, Net Worth, Parents, Siblings, Girlfriend, Tribe, House, Cars (in American English), 2023-06-29, retrieved 2025-08-26
- ↑ Bernard Ofori (2023-10-07), Biography of Ofori Amponsah (in American English), retrieved 2025-08-26
- ↑ Ofori Amponsah sweeps Music Awards (in English), retrieved 2025-08-26