Ɔdwontoni Deeba
Appearance
Edin a ɔdwontoni yi awofoɔ de too no yɛ Deeba Acheampong. Ɔfiri Nkran mmom Engresi man mu (UK) na na ɔdi ne dwuma. N'adwuma a ɔyɛ ara ne nnwontoɔ, ɔyɛ "Highlife" ne "Hiplife" dwontoni. Dwuma titire a ɔdi wɔ nnwontoɔ mu ne kasahare deɛ buroni frɛ no "Rapper" no. Nnwom ahodoɔ a ɔdwontoni yi de gyee din bi ne, Deeba, Ahoɔfɛ hemaa, Abɛnkwan ne deɛ ɛkeka ho.[1]
Nnwomtokuo a na ɔdi ne dwuma wɔ mu ne "First Class Entertainment". Nnwom baako a ɔde gyee edin pa ara ne "Deeba" a ɛpue abɔnten afe mpenu ne baako (2001) no na ɔde gyee din pa ara.[2]
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ https://www.ghanacelebrities.com/tag/deeba/ (in American English), retrieved 2025-08-26
{{citation}}: External link in(help)|title= - ↑ Hiplife artiste to graduate as lawyer from ‘confined community’ in UK | Pulse Ghana (in English), retrieved 2025-08-26