Ɔdansefoɔ
Appearance
Mfomsoɔ bɛtumi aba nea ɔsiiɛ a ɛyɛ adanseɛ de ma ɔdanseni no. Ɔdanseni no bɛtumi ayɛ mfomsoɔ kɛseɛ wɔ berɛ a n'adwene ayɛ no ntanta a n'adwene asesa berɛ a ɔne obi redi asɛm korɔ no ho nkɔmmɔ. Ɔbɛtumi atwa ntorɔ anaa aka nea ɛnni adanseɛ no mu. Yei bɛtumi ama atemmuo no aye biribi a ɛwɔ hɔ.
Ɛtɔ mmerɛ bi nso a, ɔdanseni bɛtumi aka nokware turodoo a ɛwɔ asɛm bi mu a ntorɔ biara mmata ho. Sɛ mmerɛyɔ bi wɔ nsɛm a ɔdanseni no reka no mu a, nsɛm a wɔbisabisa afaanu no bɛyi nokware no adi. Sɛ ɔdanseni bi dane n'ano wɔ asɛnnie bi mu a, wɔtumi de asɛm a ɔdii kan kaeɛ no berɛ a ɔbɛgyinaa adaka mu sɛ ɔredi adanseɛ no bu atɛn.
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]1.https://www.degruyterbrill.com/document/doi/10.1515/mult.1988.7.4.411/html