Ɔbɔfoɔ
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ɔbɔfoɔ yɛ onipa a ɔkɔ wura mu kɔkum nam. Nanso nyɛ obi a kum nam biara na ɔyɛ ɔbɔfoɔ. Saa nkorɔfoɔ yi wɔ mmaranne pii a wɔtumi de ma wɔn [1]Abɔfoɔbɔfoɔ mmerane no bi ne, Ɔhimakwa , Aboronnua Agya , Sempenemo , Daase Bomu-Ankoma (Bomu-aboa a wontwaa ne ho baabiara), Su-Amfre,Nyame Akɛntɛn, Aboa-Kɔmfoɔ, Mpuruku, Gyabaa, Wankyimmireku, Osumguo: Kyenkyenamoa/Akyereman:[2]
Sɛ ɔtofoɔ kum ɔbɔpɔn te sɛ, ɔsono, ɔkwaduo, torɔmo, ɛkoɔ, batafoɔ, ne ade a, na yɛfrɛ no ɔbɔfoɔ. Ɔbɔfoɔ ho Mfasoɔ Obɔfoɔ na ɔkɔhunu nsuo beka. Sɛ ɔman bi pɛ sɛ wɔkyekyere kuro foforɔ a, abɔfoɔ na wɔtaa kɔhunu asaase a ɛyɛ bɛka[3].
Wɔsua nnuro firi wuram mmoa hɔ. Abɔfoɔ na wɔnim nnua pa a yɛde si adan na yɛde yɛ nnoɔma ahodoɔ pii. Abɔfoɔ boa akwansra ne mpasua twa wɔ ɔsakɔ mu ɛfiri sɛ wɔn na wɔnim asaase no so yie. Wɔma ahemfo nam, mmentia, mmoa nwoma a yɛde yere twene ne mpaboa, kyiniiɛ, asipim akonnwa, bame nwoma, nsɛbɛ, bodua, ne ade[4][5].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-19
- ↑ Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-19
- ↑ Michael O’Neal Campbell (2005-11-01), "The ecological and social context of mammal hunting in the coastal savanna of Ghana", Geoforum, vol. 36, no. 6, pp. 667–680, doi:10.1016/j.geoforum.2005.04.001, ISSN 0016-7185, retrieved 2025-08-19
- ↑ Google Scholar, retrieved 2025-08-19
- ↑ Kofi Agyekum (2023-01-01), SOCIOCULTURAL ASPECTS OF ANIMAL METAPHOR IN AKAN. | EBSCOhost (in English), retrieved 2025-08-19